1Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem,
2na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia.
3Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ dadeɛ fasuo, wo ne kuro no ntam, na dane w’ani kyerɛ no, na ɛnni ntekamu, na tua no; ɛno nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israel fie.
4Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ.
5Na me deɛ, mede wɔn amumuyɛ mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo, nna ahasa aduɔkron na wobɛsoa Israel fie amumuyɛ no.
6Na wowie yeinom a, sane da wo mfe nifa so soa Yuda fie amumuyɛ adaduanan; mede afe baako biara mayɛ wo da koro.
7Na dane w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyɛmu no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu ne so.
8Na hwɛ, mede nhoma bɛgu wo so, na woantwa adafa amfiri wo mfe so ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie wo nkahyɛmu nna no ansa.
9 Hes 4.5 Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron;
10na w’aduane a wobɛdie no, kari nnwetɛbena aduonu da koro, fa firi berɛ mu kɔsi berɛ mu di.
11Na nsuo nso susu na nom, susutoa nkyɛmu nsia mu baako, na nom firi berɛ mu kɔsi berɛ mu.
12Na di no atokoɔ ɔfam a wode sɛbeɛ a ɛfiri onipa mu atoto, wɔn anim.
13Na AWURADE kaa sɛ: Saa ara na Israelfoɔ bɛdi wɔn aduane a ɛho akum, amanaman a mɛsum wɔn akɔ hɔ no mu.
14Aso 10.14 Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.
15Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwie bini masi onipa sɛbeɛ ananmu ama wo, na woato wo paanoo wɔ so.
16Hes 5.16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, paanootoɔ bɛtwam wɔ Yerusalem, na wɔadi paanoo nkariiɛ so ne nhwɛyie mu, na nsuo nso wɔanom no nsusuiɛ ne ahodwirie so,
17na paanoo ne nsuo ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiri wɔn, onipa ne ne nua ho, na wɔatete wɔ wɔn amumuyɛ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
