1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ wɔnte wɔn ho mfiri Israelfoɔ akronkronneɛ ho, na wɔnnhura me din kronkron no ho, adeɛ a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE.
3Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE.
4Lew 15.2, 16 Aaron asefoɔ mu barima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa deɛ ne ho sene no nnni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ; na deɛ ɔka adeɛ a efunu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsuo afiri ne mu,
5anaa obi a ɔka adeɛ biara a ɛwea a ɛmma ne ho nteɛ anaa onipa a ne ho fi biara nti ne ho nteɛ no:
6 Lew 11.24-25 Ɔkra a ɔka no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, na ɔnnni akronkronneɛ no bi gye sɛ ɔde nsuo adware ne ho ansa.
7Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho te, ɛno akyiri ansa na ɔnni akronkronneɛ no bie, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane.
8Eks 22.31 Aboa funu anaa deɛ wɔatete ne mu no, ɔnnni mmfa nngu ne ho fi: Mene AWURADE.
9Na wɔnhwɛ m’ahwɛdeɛ na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wɔhura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no.
10Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi.
11Na sɛ ɔsɔfoɔ bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno deɛ, ɔnni bi, ɛne deɛ wɔwoo no ne fie, wɔn na wɔnni n’aduane no bie.
12Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa bi kɔware ɔhɔhoɔ bi a, ɔnnni akronkronneɛ mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no bi.
13Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa yi yɛ okunafoɔ anaasɛ wɔako no, na ɔnni ba, na ɔsane ba n’agya fie sɛ ne mmɔfraase a, ɔnni n’agya aduane no bi; na ɔhɔhoɔ biara deɛ, ɔnnni bi.
14Lew 5.16 Na sɛ obi anhyɛda, na ɔdi akronkronneɛ no bi a, ɔmfa n’abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔnnane akronkronneɛ no mma ɔsɔfoɔ no.
15Na wɔnnhura Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde bɔ afɔdeɛ ma AWURADE no ho,
16Lew 22.9 na wɔmmma wɔnnsoa asodie bɔne bi wɔn akronkronneɛ no die mu, ɛfiri sɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron.
17Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
18Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa Israel mu ahɔhoɔ mu a ɔde n’ayɛyɛdeɛ bɛba, wɔn bɔhyɛ adeɛ biara anaa wɔn ayamyi adeɛ biara a wɔde brɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
19deɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛsɔ ani ama mo nti, ɛnyɛ onini a ɔdi mu a ɔfiri anantwie, nnwanten anaa mmirekyie mu;
20Deut 15.21; 17.1; Mal 1.8 adeɛ biara a ɛdɛm wɔ ne ho no, mommfa mmma, ɛfiri sɛ ɛrensɔ ani mma mo.
21Na obiara a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n’aboadeɛ ma anaa ayamyi adeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu no, ɔmma no nni mu, na ɛnsɔ ani; ɛnnni dɛm biara.
22Deɛ n’ani afira anaasɛ wabubuo anaasɛ wapira anaasɛ watutu akuro anaasɛ ntwom anaa nsoa agu ne ho no, mommfa yeinom biara mmmrɛ AWURADE, na mommfa wɔn mu biara nnsɔ afɔrebukyia no so gya mmma AWURADE.
23Na nantwie anaa odwan a ne ho biribi boro soɔ anaasɛ watɔ ape no, ayamyi afɔdeɛ deɛ, fa no bɔ, na aboadeɛ deɛ, ɛnsɔ ani.
24Na deɛ wɔapɛkyɛ, wɔabɔ, wɔatu anaa wɔasa no no, mommfa mmmrɛ AWURADE, na mo asase so nso monnyɛ saa.
25Na ɔnanani bi nsam nso monnnye yeinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduane, ɛfiri sɛ wɔn ho aka, ɛdɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo.
26Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
27Eks 22.30 Nantwie, odwanten anaa abirekyie, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnanson, na ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛdeɛ ma AWURADE gya afɔdeɛ a ɛbɛsɔ ani.
28Deut 22.6-7 Na monnkum nantwie anaa odwan ne ne ba nyinaa da koro.
29Na sɛ mobɔ aseda afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani;
30Lew 7.15 da no ara wɔnni; monnnya mu bi nnkɔsi anɔpa: Mene AWURADE.
31Na monni me mmara nsɛm so na monyɛ: Mene AWURADE.
32Lew 22.9, 16 Na monnhura me din kronkron no ho, na wɔmmu me kronkron Israelfoɔ mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron a
33meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ merebɛyɛ mo Nyankopɔn: Mene AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.