1 2 Ah 3.4; 14.7 Momfa nnwammaa
mfiri Sela mfa anwea pradada so fam
nkɔ Sion babaa bepɔ no so
nkɔma asase no sodifoɔ no.
2Na Moab mmammaa
bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini,
pirebuo a wɔayi no
Arnon asutwareeɛ.
3Tu fo,
bu atɛn;
ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo,
awia ketee;
fa wɔn a wɔapam wɔn hunta,
nyi adwanefoɔ mma;
4ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no
nsoɛ wo nkyɛn,
yɛ wɔn huntabea,
ɔsɛefoɔ no anim!
na ɔpoobɔfoɔ agyae,
ɔsɛeɛ to atwa,
nhyɛsofoɔ asa asase no so.
5Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so,
na obi atena so, nokorɛ mu,
wɔ Dawid ntomadan no mu,
deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee,
na ɔyɛ adetenenee ntɛm.
6Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ,
n’ahantan ne
n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne
ahoahoasɛm huhuo no.
7Enti ma Moab ntwa adwo,
ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo,
Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na
mobɛtwa adwo koraa.
8Na Hesbon mfuo ahye;
Sibma bobe no,
amanaman wuranom
abubu ne mman koraa;
ɛkɔduruu Yaser,
na ɛkyinii serɛ so.
Ne mman trɛtrɛe,
ma ɛkɔtwaa po.
9 Yes 15.5; Yer 4.19; Amos 2.2 Enti mede Yaser su mesu
Sibma bobe no,
mede nisuo gu wo so,
O Hesbon ne Eleale;
na wo nnuabateɛ ne wo bobe
abateɛ so na ɔko nteateam aba;
10na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ
afiri mfuo papa mu,
na wɔnte ahurisie dwom
anaa nteateam wɔ bobe nturo mu,
nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa,
atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.
11 Yes 16.9 Enti me kra si apini wɔ Moab ho,
me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.
12Na sɛ Moab yi ne ho adi ba bɛsu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na ɔhyɛne ne kronkronbea bɛbɔ mpaeɛ a, ɔrentumi nyɛ hwee.
13Yei ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dadaada no;
14Yes 21.16 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
