Yeremia 29 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nwoma a Yeremia de kɔmaa atukɔfoɔ no

1Nso Odiyifoɔ Yeremia twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ nwoma mu de firi Yerusalem manee atukɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne nkurɔfoɔ a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa,

22 Ah 24.14-15 berɛ a Ɔhene Yekonia ne ɔhene ne na ne mpiafoɔ ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma ne adwumfoɔ ne atomfoɔ firii Yerusalem kɔeɛ no;

3ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse:

4Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka kyerɛɛ atukɔfoɔ a memaa wɔtuu wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa:

5Monsisi adan na montena mu, na monyɛ nturo na monni mu aba.

6Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmammaa, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmammaa mmema ekununom awareɛ, na wɔnwowo mmabanin ne mmammaa, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.

7Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.

8Yer 14.14 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Mommma mo adiyifoɔ a wɔwɔ mo mu no ne mo nkɔmhyɛfoɔ no nnsisi mo, na monntie wɔn daeɛ a wɔsoso no,

9na atorɔ mu na wɔde me din hyɛ mo nkɔm, mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie.

10 Yer 25.11-13 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Mfirinhyia aduɔson nya duru wɔ Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo bɛsane aba ha yi.

11Na me deɛ, menim adwene ko a meredwene mo ho, AWURADE asɛm nie, asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ bɔne deɛ, sɛ merema mo awieeɛ pa ne anidasoɔ.

12Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpaeɛ, na matie mo.

13Deut 4.29; Yes 55.6 Na mobɛhwehwɛ me ahu me, ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa bɛhwehwe m’akyiri kwan.

14Dwom 126.4 Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm nie. Na mede mo nnommum bɛsane aba, na maboa mo ano afiri amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm nie, na mede mo bɛsane aba deɛ memaa wɔtuu mo firi hɔ kɔeɛ no.

15Ɛsiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifoɔ so ama yɛn Babel nti,

16sei na AWURADE ka no ɔhene a ɔte Dawid adwa soɔ no ne ɔman a wɔte kuro yi mu, mo nuanom a wɔne mo amfiri ankɔ tukorɔ no mu no nyinaa ho,

17Yer 24.8 sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merema afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu, na mama wɔadane sɛ mmorɔdɔma porɔeɛ a yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nnie.

18Yer 24.9-10 Na mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛti wɔn, na mama wɔadwane wɔn ho asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadane nnome ne ahodwirideɛ ne fɛdie ne ahohoradeɛ, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,

19Yer 25.4 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm nie, sɛ mesomaa me nkoa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn nkyɛn, metuaa nhema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm nie.

20 Yer 29.4 Enti montie AWURADE asɛm, mo atukɔfoɔ a mama moafiri Yerusalem akɔ Babel no nyinaa.

21Yer 29.8 Sei na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka no Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntorɔ no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, na wakum wɔn mo anim.

22Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no,

23ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie.

Krataa a ɛfiri atukɔfoɔ hɔ a wɔde kɔma Ɔsɔfo panin Semaia

24Na ka kyerɛ Nehelamni Semaia sɛ:

25Yer 21.1; 2 Ah 25.18 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo ara wo din mu wode nwoma amane ɔman a ɛwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba Ɔsɔfoɔ Sefania ne asɔfoɔ no nyinaa sɛ:

26Hos 9.7 AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti,

27afei, adɛn nti na woantwi Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim?

28Ɛfiri sɛ wasoma ama wɔaba yɛn nkyɛn Babel sɛ: Ɛbɛkyɛ, monsisi adan ntena mu na monyɛ nturo nni mu aba!

29Na Ɔsɔfoɔ Sefania kenkann nwoma yi guu Odiyifoɔ Yeremia aso mu.

30Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

31Soma ma wɔnkɔse atukɔfoɔ no nyinaa sɛ: Sei na AWURADE ka no Nehelamni Semaia ho: Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atorɔ soɔ nti,

32Yer 28.16 sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefoɔ aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, ɔbɛhunu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ waka atuateɛ atia AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help