1 Hes 25.2-7; Amos 1.13-15; Sef 2.8-11; 1 Ah 11.5 Amon mma deɛ nie:
Sɛ AWURADE seɛ nie:
Israel nni mmabanin,
anaasɛ ɔnni ɔdedini?
Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad,
na ne manfoɔ tete ne nkuro mu?
2Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba,
AWURADE asɛm nie,
sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no
ate ɔko mu osebɔ,
na adane nkunkumaboɔkuo,
na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa,
na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ,
AWURADE na ɔseɛ.
3 Yer 49 Hesbon, twa agyaadwoɔ,
na wɔasɛe Ai. Raba mmammaa, monteam,
momfira ayitoma ntwa adwo,
na monkyinkyini afasuo no ntam,
na Malkam rekɔ tukorɔ mu,
n’asɔfoɔ ne ne mmapɔmma bɔ mu kɔ.
4Adɛn na wohyehyɛ wo ho, mmonhwa no ho?
Wo bonhwa no sene kɔ,
ɔbabaa okyirisanni a wode wo ho too w’akoradeɛ so kaa sɛ:
Hwan na ɔbɛba me soɔ?
5Hwɛ, mede ehu
bɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn aba wo so,
asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,
na wɔasunsum mo mmaako mmaako atwene
a obiara biara remmoa adwanefoɔ ano.
6 Yer 48.47 Na ɛno akyiri no, mede Amon mma nnommum bɛsane aba bio, AWURADE asɛm nie.
Edomfoɔ ho atemmusɛm7 Yes 21.11; 34.5-15; Hes 25.12-14; Amos 1.11-12; Oba Edom deɛ nie:
Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:
Nyansa biara nni Teman bio?
Afotuo abɔ nhunumufoɔ?
Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?
8Monnwane, monnane mo akyi, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ,
O Dedanfoɔ!
Na mede Esau sɛeɛ bɛba ne so,
berɛ a mɛba mabɛtwe n’aso no.
9Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a,
wɔrennya wo mpɛpɛ anaa?
Na sɛ anadwo akorɔmfoɔ ba a,
wɔbɛsɛe deɛ ɛbɛso wɔn anaa?
10Na me deɛ, mama Esau ada adagya,
mayi n’ahuntadeɛ adi,
na ɔrentumi nkata ne ho,
wɔasɛe n’asefoɔ ne ne nuanom
ne n’afipamfoɔ, na ɔnni hɔ bio.
11Gya wo nwisiaa hɔ, me na mɛgye wɔn nkwa,
na w’akunafoɔ nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so.
12 Yer 25.15, 21 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, nom ara na wɔnom, na wo deɛ, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom nom ara na wobɛnom.
13Yer 44.12 Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo.
14Mate AWURADE anomu nsɛm,
na wɔasoma ɔbɔfoɔ ma wakɔ amanaman mu sɛ:
Mommoaboa mo ano mmra ne so,
na monsɔre mmɛko.
15Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa
ma wɔabu wo animtia nnipa mu.
16W’ahodwire ne w’akoma ahantan
adaadaa wo,
wo a wote ɔbotan ntokuro mu,
wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ;
sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a,
ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.
17 Yer 50.13 Na Edom bɛdane amamfo, obiara a ɔbɛtwam ho no, ne bɔ no nyinaa nti, ne ho bɛdwiri no, na wabɔ hwerɛma hwee hwee.
18Yes 1.9 Sɛdeɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔ hɔhoɔ.
19Yer 50.44 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?
20Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.
21Wɔn ahweaseɛ gyegyeegye nti, asase woso, agyaadwo a wɔtwa no, wɔte nka Mmɛwa Po ano tɔnn.
22Yer 48.40 Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.
Damasko ho atemmusɛm23 Yes 17.1; Amos 1.3-5 Damasko deɛ nie:
Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo,
ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi;
wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru,
ɛntumi nyɛ komm.
24Damasko ahodwo, adane ne ho rebɛdwane;
nketenkete akye no,
ahohiahia ne yea akuta no
sɛ ɔbaa wofoɔ.
25Ayeyie kuro, m’ahosɛpɛ kuro no,
hwɛ sɛdeɛ wɔasi agya no afa!
26Enti emu mmeranteɛ bɛtotɔ mmorɔno so,
na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofoɔ nyinaa agu,
asafo AWURADE asɛm nie.
27Na mɛsɔ Damasko fasuo mu gya,
na ahye Ben-hadad ahemfie no.
Arabia mmusuakuo ho atemmusɛm28 Yes 21.16-17; Yos 11.10 Kedar ne Hasor ahennie a Babelhene Nebukadnessar sɛee no deɛ nie:
Sɛ AWURADE seɛ nie:
Monsɔre ntu Kedar so sa,
na monsɛe apueeɛfoɔ.
29Wɔn ntomadan ne wɔn nnwan, wɔbɛfa;
wɔn nkuntu ne wɔn nnoɔma nyinaa
ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ,
na wɔateam aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa.
30 Yer 49.8 Monnwane, montu mmirikaden, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ,
mo a mote Hasor!
AWURADE asɛm nie.
Na Babelhene Nebukadnessar
atu mo tiri so agyina,
na wapam mo so apam.
31Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ
a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa,
AWURADE asɛm nie.
Wɔnni apono ne akyire adaban,
wɔn nko ara na wɔte hɔ.
32 Yer 9.26; 25.23 Na wɔn yoma bɛyɛ fomfa adeɛ,
na wɔn mmoakuo dodoɔ ayɛ asadeɛ.
Na mɛbɔ wɔn a wɔayi wɔn bɔdwesɛ putuo
apete mframa nyinaa ano,
na mede wɔn sɛeɛ
afiri afa nyinaa aba wɔn so,
AWURADE asɛm nie.
33 Yer 9.10 Na Hasor bɛdane ɛserɛ so kraman tenabea
ne daa amamfo,
obiara biara rentena hɔ,
na onipa ba biara renyɛ hɔhoɔ wɔ hɔ.
Elam ho atemmusɛm34AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ sɛ:
35 Yer 25.25 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebubu Elam tadua, wɔn mmaninyɛ ade titire mu;
36na mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mabɔ wɔn apete mframa yi nyinaa ano, na ɔman biara nni hɔ a Elam adamfikyi remma hɔ;
37na mɛma Elam akoma atu, wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusuo a ɛyɛ m’abufuo mu gya bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie, na mama afena ati wɔn akɔsi sɛ mɛwie wɔn yɛ.
38Na mede m’adwa bɛsi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm nie.
39Yer 49.6 Nanso nna a ɛdi akyire no mu no, mede Elam nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.