Lewitikɔs 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nna mu akyiwadeɛ

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

3 mmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE.

22Gye 19.5; Rom 1.27; 1 Ko 6.9 Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ.

23Eks 22.19 Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbaa bi nnnyina aboa bi anim nnnane ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.

24Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,

25na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumuyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefoɔ no agu.

26Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so, na monnyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo,

27ɛfiri sɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa na asase no sofoɔ a wɔdi mo anim no ayɛ, na asase no so agu fi.

28Na asase no amfe mo angu sɛ moagu ho fi, sɛdeɛ ɛfee amanaman a wɔdii mo anim no guiɛ no.

29Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa wɔn a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene.

30Enti monhwɛ m’ahwɛdeɛ, na moanyɛ ahyɛdeɛ a wɔkyire a wɔdii mo anim yɛeɛ no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help