Numeri 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkanea no sɔbea

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Eks 25.31-40 Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim.

3Na Aaron yɛɛ saa: Ɔde nkanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

4Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no.

Dwira a wɔdwira Lewifoɔ

5Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6Mal 3.3 Yi Lewifoɔ firi Israelfoɔ mu, na dwira wɔn.

7Num 5.17; 19.9, 17; Lew 14.8 Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho.

8Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre; na fa nantwinini foforɔ nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.

9Na fa Lewifoɔ no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ma Israelfoɔ asafo mu no nyinaa mmɛbɔ dwa;

10na fa Lewifoɔ no bra AWURADE anim, na Israelfoɔ no mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so;

11Num 8.21 na Aaron nhim Lewifoɔ no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ no nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma.

12Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no.

13Na fa Lewifoɔ no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ ma AWURADE.

14 Num 3.45 Na te Lewifoɔ no firi Israelfoɔ mu, na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea.

15Ɛno akyiri ansa na Lewifoɔ no mmra mmɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na te wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ,

16Num 3.12 ɛfiri sɛ wɔn na mayi wɔn afiri Israelfoɔ mu; mede wɔn masi adeɛ a ɛbue yafunu ano nyinaa, Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, ananmu mafa.

17Eks 13.2 Na Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: Da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefaeɛ.

18Na mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu.

19Num 3.9 Na mede Lewifoɔ no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛdeɛ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnyɛ Israelfoɔ no adwuma, ahyiaeɛ ntomadan no mu na wɔmpata mma Israelfoɔ no, na Israelfoɔ no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw biara amma wɔn so.

20Na Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifoɔ ho no, saa na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn.

21Num 8.11 Na Lewifoɔ no yii wɔn ho bɔne, na wɔsii wɔn ntadeɛ, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho.

22Ɛno akyiri na Lewifoɔ no ba bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifoɔ no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn.

23Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

24Num 4.3, 23 Yei nkɔ mma Lewifoɔ no: Wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu nnum ne akyire no mmra mmɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som mu adwuma no.

25Na wɔn a wɔadi mfeɛ aduonum no mfiri adwuma no mu, na wɔnnyɛ bio.

26Nanso wɔnni mmoa wɔn nuanom no, ahyiaeɛ ntomadan no mu, nkura ɛso hwɛ no mu bi, na ɔsom adwuma no na wɔnnnyɛ. Saa na hyehyɛ ma Lewifoɔ no dwumadie ma wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help