1 Num 34.3-5 Na Yuda mma abusuakuo ntonto, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so.
2Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano.
3Na ɛnam Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam sene kɔ Sin, na ɛforo kɔ anafoɔ fam wɔ Kades-barnea, na ɛtwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka.
4Na ɛtwam kɔ Asmon, na ɛkɔpue Misraim subonhwa no ano, na ɛkɔpem mpoano. Yei nyɛ mo anafoɔ fam hyeɛ.
5Na apueeɛ hyeɛ ne Nkyene Po no de bɛsi Yordan awieeɛ. Na atifi fam hyeɛ no firi Nkyene Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awieeɛ no ho.
6Yos 18.17 Na ɛhyeɛ no foro Bet-hogla, na ɛsene fa Bet-araba atifi fam, na ɛhyeɛ no foro kɔsi Ruben ba Bohan boɔ no ho.
72 Sa 17.17 Na ɛhyeɛ no firi Akor bonhwa no mu foro kɔ Debir, na ɛdane kɔ atifi fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoeɛ a ɛwɔ subonhwa no anafoɔ fam ntentensoɔ no. Na ɛhyeɛ no twam fa En-semes nsuo no ano, na ɛkɔpem En-rogel.
82 Be 28.3 Na ɛhyeɛ no foro fa Hinom ba bonhwa no mu, Yebusifoɔ nkyɛn mu anafoɔ fam, (ɛne Yerusalem); na ɛhyeɛ no foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bonhwa no ntentensoɔ wɔ atɔeɛ wɔ Refaim bonhwa no atifi fam awieeɛ no atifi.
9Yos 15.60 Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).
10Na ɛhyeɛ no konton firi Baala kɔ atɔeɛ, Seir bepɔ ho, na ɛsene kɔ Har-yearim, (ɛne Kesalon), nkyɛn mu wɔ atifi fam; na ɛsiane kɔ Bet-semes, na ɛsene kɔ Timna;
11na ɛhyeɛ no pue kɔ Ekron nkyɛn mu atifi fam na ɛhima kɔ Sikron, na ɛtwam kɔ Baala bepɔ no so, na ɛpue kɔ Yabneel; na ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano.
12Na atɔeɛ hyeɛ no ne ɛpo kɛseɛ no ne ɛho hyeɛ. Yeinom ne Yudafoɔ no hyeɛ a atwa ahyia sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Kaleb kyɛfa13 Yos 14.6-15; Ate 1.10-15 Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron.
14Na Kaleb tuu Anak mma baasa no firii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefoɔ.
15Na ɔfiri hɔ foro kɔɔ Debirfoɔ ho; nso akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.
16Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.
17Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.
18Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi; na ɔbaa no firi n’afunumu so sii fam; na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?
19Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na anafoɔ asase na wode ama me nti, ma me mmasuo nso. Na ɔmaa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.
20Yei ne Yuda mma abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Yuda nkuro21Na Yudafoɔ abusuakuo no nkuro a ɛdeda anafoɔ fam pɛɛ de rekɔ Edom hyeɛ soɔ ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,
22ne Kina ne Dimona ne Adada
23ne Kedes ne Hasor ne Itnan,
24Sif ne Telem ne Bealot,
25ne Hasor-hadata ne Keriot-hesron, (ɛne Hasor),
26Amam ne Sema ne Molada
27ne Hasar-gada ne Hesmon ne Bet-pelet,
28ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkuraa,
29Baala ne Iyim ne Esem,
30ne Eltolad ne Kesil ne Horma,
31ne Siklag ne Madmana ne Sansana,
32ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa yɛ nkuro aduonu nkron ne ɛho nkuraa.
33 Ate 13.25; 16.31 Ɛpo ho mpaperɛ so deɛ ne: Estaol ne Sora ne Asna,
34ne Sanoa ne En-ganim, Tapua ne Enam,
35Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,
36ne Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa.
37Senan ne Hadasa ne Migdal-gad
38ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,
39Lakis ne Boskat ne Eglon,
40ne Kabon ne Lahmam ne Kitlis,
41ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.
42Libna ne Eter ne Asan,
43ne Yifta ne Asna ne Nesib
44Yos 19.29 ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.
45 1 Sa 5.10 Ekron ne ɛho nkuro ne nkuraa,
46ɛfiri Ekron de kɔsi ɛpo fam deɛ ɛwɔ Asdod nkyɛn mu nyinaa ne ɛho nkuraa.
47 1 Sa 5.1; Ate 1.18; Num 34.6 Asdod, ɛho nkuro ne nkuraa, Gasa, ɛho nkuro ne nkuraa de kɔsi Misraim subonhwa no ano, ne Ɛpo Kɛseɛ ne ɛho hyeɛ.
48Na mmepɔ so deɛ ne: Samir ne Yatir ne Soko,
49ne Dana ne Kiriat-sana (a ɛne Debir),
50ne Anab ne Estemo ne Anim,
51ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkuro dubaako ne ɛho nkuraa.
52Arab ne Duma ne Esan,
53ne Yanum ne Bet-tapua ne Afeka
54ne Humta ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron), ne Sior: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.
55Maon, Karmel ne Sif ne Yuta,
56ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,
57Kain, Gibea ne Timna: Nkuro du ne ɛho nkuraa.
58Halhul, Bet-sur ne Gedor,
59ne Maarat ne Bet-anot ne Eltekon: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa.
60 Yos 9.17; 18.14 Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.
61Ɛserɛ so deɛ ne: Bet-araba, Midin ne Sekaka
62ne Nibsan ne Nkyene Kuro no ne En-gedi: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa.
63 Yos 18.28; 2 Sa 5.6 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.