Ɔsɛnkafoɔ 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyansa ho mmɛ ahodoɔ

1Nwansena funu ma odufrani aduro bɔn na ɛporɔ,

na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sene nyansa ne animuonyam.

2Onyansafoɔ akoma wɔ ne nifa mu,

na ɔkwasea akoma wɔ ne benkum mu.

3Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa soɔ no, nteaseɛ bɔ no,

na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ ɔkwasea.

4 Dwom 37.1; Mmb 24.19 Sɛ otumfoɔ honhom sɔre tia wo a,

nnya w’afa, na ɛdwo brɛ bɔne akɛseɛ ano ase.

5Adebɔne bi wɔ hɔ a mehunuu no owia aseɛ sɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri otumfoɔ anim,

6Mmb 30.21-22 wɔama nkwaseafoɔ so bebree, na adefoɔ tete fam.

7Mahunu nkoa a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne adehyeɛ a wɔnenam fam sɛ nkoa.

8 Mmb 26.27 Deɛ ɔtu amena no, emu na ɔbɛhweɛ,

na deɛ ɔburi ban no, ɔwɔ bɛka no.

9Deɛ ɔtu aboɔ no, ɛbɛhyɛ no yea,

na deɛ ɔpae nnua no, emu na ɔbɛpira.

10Sɛ obi dadeɛ ano akum na wanse ano a,

ɛnneɛ gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso,

na mfasoɔ a wɔde di yie ne nyansa.

11 Dwom 58.4-5 Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔakyekyere no nkaberɛ a,

na mfasoɔ biara nni hɔ mma nkaberɛkyekyerefoɔ.

12Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam,

na ɔkwasea ano bɛmene no.

13N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm,

na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne.

14 Skf 5.3; 8.7 Ɔkwasea nso ma nsɛm dɔɔso.

Onipa nnim deɛ ɛreba,

na deɛ ɛbɛba n’akyire no, hwan na ɔbɛkyerɛ no?

15Nkwaseafoɔ haw hyɛ deɛ ɔnnim kuro mu korɔ brɛ.

16 Yes 3.4 Due, wo asase a wo hene yɛ abɔfra,

na wo mmapɔmma to pono anɔpa.

17Nhyira ne wo, O asase a wo hene yɛ adehyeɛ ba,

na wo mmapɔmma to pono berɛ a ɛsɛ mu,

ahoɔden nti, na ɛnyɛ nsaborɔ nti.

18 Mmb 19.15 Akwadworɔ nti na mpuna hwinhwan,

na aniha ma ɛdan nwunu.

19 Ate 9.13; Dwom 104.15 Sereɛ nti na wɔsiesie aduane,

na nsa ma ateasefoɔ anigyeɛ,

na sika na ɛyɛ adeɛ nyinaa.

20 Eks 22.28 Nnome ɔhene w’adwene mu mpo,

na nnome ɔdefoɔ wo dabekyire,

na ewiem nnomaa bi de nne no bɛkɔ,

na ntakraboa bi mpo aka asɛm no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help