Yeremia 25 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yuda ne amanaman ho atemmusɛm

1Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan (a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛdi kan no mu)

2a Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ, Yuda man no nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfoɔ nyinaa nie:

3Ɛfiri Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ de bɛduru nnɛ da yi, mfirinhyia aduonu mmiɛnsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn maa metuaa nhema meka kyerɛɛ mo, na moantie.

4Na AWURADE somaa ne nkoa adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.

5Yer 18.11 Wɔse: Monsane mfiri mo akwammɔne so ne mo nneyɛɛ bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afiri daapem akɔsi daapem.

6Na monnni anyame foforɔ akyi, nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne biara.

7Na moantie me, AWURADE asɛm nie, na mode mo nsa ano nnwuma huruu me bo maa no danee mo bɔne.

8Enti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ moantie me nsɛm nti,

9Yer 27.6 hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, ne m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede wɔn aba asase yi ne ɛsotefoɔ so ne amanaman yi a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasapasa, na mama wɔadane ahodwirideɛ ne fɛdie ne daa amamfo,

10Yer 16.9 na mama ahosan nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, oyuyammoɔ nkateɛ ne kanea hann ayera wɔn mu;

11Yer 29.10; 2 Be 36.21; Esra 1.1; Dan 9.2 na asase yi nyinaa bɛdane amamfo ne ahodwirideɛ, na amanaman yi asom Babel hene mfirinhyia aduɔson.

12Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirinhyia aduɔson wie duru a, mɛba mabɛtua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafoɔ asase no amumuyɛ so ka, na madane no daa amamfo, AWURADE na ɔseɛ.

13Na mɛma me nsɛm a meka meguu asase no soɔ no nyinaa aba mu wɔ ne ho, ade a wɔatwerɛ no nwoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa soɔ no nyinaa,

14na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ de wɔn bɛyɛ nkoa, na mɛtua wɔn wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.

15 Yer 51.7; Yes 51.17; Adi 14.10 Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,

16na wɔanom atɔ ntintan, abobɔ adam, afena a meresoma aba wɔn mu no nti.

17Ɛnna megyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee,

18Yerusalem ne Yuda nkuro ne emu ahemfo ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwirideɛ, fɛdie ne nnome sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi:

19Misraimhene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa,

20ne amamfrafoɔ no nyinaa, ne Us asase so ahemfo nyinaa, ne Filistifoɔ asase so ahemfo nyinaa, ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkaeɛ no,

21Edom ne Moab ne Amonfoɔ,

22ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,

23Yer 9.26 Dedan, Tema, Bus ne wɔn a wɔatwitwa wɔn bɔdwesɛ putuo no nyinaa,

24ne Arabia ahemfo nyinaa, ne afrafrafoɔ ahemfo a wɔte anwea pradada soɔ no nyinaa,

25ne Simri ahemfo nyinaa ne Elam ahemfo nyinaa ne Media ahemfo nyinaa,

26Yer 51.41 ne atifi fam ahemfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahennie ahodoɔ a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyiri anom.

27Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre bio, ɛsiane afena a merema no aba mo mu no nti.

28Na ɛbɛba sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nom ara na monnom.

29Yer 49.12; 1 Pe 4.17 Na hwɛ, kuro a wɔde me din ato no so na merefiri ama bɔne aba yi, na mo deɛ mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afena na merefrɛ aba asase sofoɔ nyinaa soɔ, asafo AWURADE asɛm nie.

30 Yoel 3.16; Amos 1.2; Hos 11.10 Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ:

AWURADE firi sorosoro bobom,

na ɔma ne nne so firi ne tenabea kronkron hɔ;

bɔ na ɔbobɔ mu gu ne nkurɔfoɔ soɔ,

ɔteɛ mu sɛ bobe abawɔfoɔ,

de tia asase no sofoɔ nyinaa.

31Hooyɛ no bɛduru asase ano nohoa,

na AWURADE ne amanaman reham;

ɔrebu honam nyinaa atɛn;

ɔde abɔnefoɔ ato afena ano,

AWURADE asɛm nie.

32Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, bɔne refiri adi

afiri ɔman so kɔ ɔman so,

na ahum kɛseɛ atu

afiri asase anoano.

33 Yer 7.33 Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.

34 Yer 23.1 Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu,

na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini,

na mo kum ne mo hweteɛ nna adu;

na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;

35na nnwanhwɛfoɔ no rennya kwan nnwane,

na nnwankuo mu akunini nso rennya kwan mfiri mu.

36Wɔte nnwanhwɛfoɔ su

ne nnwankuo no mu akunini abububɔ,

ɛfiri sɛ AWURADE resɛe wɔn mmoa adidibea,

37na asomdwoeɛ tenabea no ayɛ komm,

AWURADE abufuo hyehyeɛ no anim.

38 Yer 4.7 Wagya ne daberɛ sɛ gyataburuwa,

na wɔn asase adane amamfo,

n’afena namnam no

ne n’abufuo hyehyeɛ no anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help