Hesekiel NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUWɔfaa Odiyifoɔ Hesekiel dommum kɔɔ Babel ansa na wɔresɛe Yerusalem afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586) ansa na wɔrebɛwo Kristo. Na wɔkɔɔ so tenaa nnommum no mu kyɛree kɔsii afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586) ansa na wɔrebɛwo Kristo. Ɔhyɛɛ nkɔm faa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel saa berɛ no ne Yerusalemfoɔ ho. Hesekiel nwoma no wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ nsia sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi: (1) Onyankopɔn frɛ a ɔfrɛɛ Hesekiel. (2) Kɔkɔbɔ a ɛfa Onyankopɔn atemmuo a ɛbɛba wɔn soɔ, ne Yerusalem sɛeɛ no ho. (3) Adiyisɛm a ɛfa Onyankopɔn asotwe a ɔde bɛtwe aman ahodoɔ a wɔhyɛɛ ne manfoɔ so, na wɔmaa wɔyɛɛ bɔne no. (4) Awerɛkyekyesɛm a wɔde maa Israelfoɔ wɔ Yerusalem sɛeɛ no akyi, de kaa wɔn akoma too wɔn yam sɛ berɛ pa bɛba da bi no. (5) Gog ho nkɔmhyɛ. (6) Sɛdeɛ Hesekiel hunuu gye a wɔbɛgye ɔman no ne asɔrefie no asi wɔn dada mu bio no.Hesekiel gyidie so, na n’adwene mu nso dɔ yie. Ɔnam anisoadehunu so titire na ɔde kyerɛɛ n’adwene. Nsɛm a na ɔwɔ ka nso, ɔnam nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ so na ɔkaeɛ. Hesekiel sii akoma ne sunsum mu nsesa ne foforɔyɛ so dua sɛ obiara bɛnya ɔno ara ne bɔne so akatua. Ɔgye dii nso sɛ ɔman no asetena bɛsakyera ayɛ foforɔ. N’ani kuu asɔredan no ne ne kronkronyɛ ho yie sɛ ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ.EMU NSƐMHesekiel frɛ 1.1—3.27Yerusalem nnome 4.1—24.27Onyankopɔn atemmuo a ɛbɛba amanaman no so 25.1—32.32Onyankopɔn hyɛ ne manfoɔ bɔ 33.1—37.28Gog ho nkɔmhyɛ 38.1—39.29Anisoadehunu a ɛfa asɔredan no ne asase no ho 40.1—48.35
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help