Yeremia 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn apam

1Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:

2Tie apam yi mu nsɛm, na ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.

3Deut 27.26 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔadome deɛ ɔnte apam yi mu nsɛm

4a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,

5Eks 3.8 na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE!

6Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae mu ka nsɛm yi nyinaa mu ka wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno so sɛ: Montie apam yi mu nsɛm, na monni so.

7Ɛfiri sɛ, mehyɛɛ mo agyanom da a meyii wɔn firii Misraim asase so baeɛ, na ɛde bɛsi nnɛ, metua nhema mehyɛ wɔn daa sɛ: Montie me!

8Yer 7.24, 26 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn akoma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni soɔ na wɔanni soɔ no nsɛm nyinaa aba wɔn so.

9Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atuateɛ aba Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ mu,

10wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no.

11Mmb 1.28; Yes 1.15 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.

12Yer 2.28; Deut 32.37-38 Ɛnna Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔrehye nnuhwam ama wɔn no, nanso wɔrennye wɔn, wɔn amanehunu berɛ no mu.

13Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.

14 Yer 7.16; 14.11 Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.

15Me dɔfo adi asɛmmɔne yi, ɛdeɛn na ɔwɔ yɛ wɔ me fie? Bɔhyɛ ne afɔrebɔ nam bɛyi wo mmusuo no anaa? Sɛ w’amaneɛ no ba a, wobɛdi ahurisie?

16Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛso aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛseɛ huuyɛ asɔ ne ho gya, na abubu ne mman.

17Na asafo AWURADE a ɔtɛɛ woɔ no akyerɛ mmusuo a ɛreba wo soɔ, bɔne a Israel fie ne Yuda fie ayeyɛ, sɛ wɔhyee aduhwam maa Baal de huruu me boɔ no nti.

Wɔbɔ Yeremia ho pɔ bɔne

18Na AWURADE yi kyerɛɛ me, na mehunui nso;

ɛno mu na wokyerɛɛ me wɔn nneyɛɛ bɔne.

19 Yes 53.7 Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ

a wɔde no rekɔ akumiiɛ;

na mennim sɛ

wɔapam me tiri so sɛ:

Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,

na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so,

na wɔankae ne din bio.

20 Dwom 7.9 Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni,

a wosɔ akoma ne adwene hwɛ,

ma menhunu w’aweretɔ wɔ wɔn so,

na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa.

21 Yer 1.1 Enti sɛ AWURADE ka no Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ, na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din mu nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho nie,

22ɛno nti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmeranteɛ bɛtotɔ afena ano, na ɛkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa,

23na nkaeɛ biara renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help