1Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ.
2 ne Meriba.Wɔdi Amalek so nkonim
8Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.
9Num 13.8, 16 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.
10Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi.
11Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim.
12Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ.
13Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano.
14Deut 25.17-19; 1 Sa 15.2-3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.
15Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),
16na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
