1Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm nie.
22 Ah 21.24 Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu.
32 Ah 23.34; 24.17; 25.2, 8 Na ɛbaa Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ so nso, de bɛsii Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so dubaako awieeɛ, de bɛsii Yerusalem tuo a wɔtuu wɔn kɔeɛ, bosome a ɛtɔ so nnum mu no so.
Yeremia frɛ4Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
5Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo,
Yes 49.1; Gal 1.15 na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho;
mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman.
6 Eks 3.11; Yes 6.5-8 Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra.
7Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:
Nka sɛ: Meyɛ abɔfra;
na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ,
na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka.
8Nsuro wɔn anim,
na wo deɛ, mɛdi w’akyi, na mɛgye wo,
AWURADE asɛm nie.
9 Deut 18.18 Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:
Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu.
10 Yer 18.7-10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so,
na woatutu na woabubu,
na woasɛe na woabutu,
na woasi na woatɛ nso.
Anisoadehunu mmienu11Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehu sorɔno abaa bi.
12Yer 31.28 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Woahunu ampa; na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ.
13Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Ɛsɛn a ɛrehuru na mehunu, na ɛpue atifi fam.
14Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na mmusuo bɛfiri aba asase no sofoɔ nyinaa soɔ.
15Na hwɛ, mɛfrɛ atifi fam ahennie mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, na wɔn nyinaa aba de wɔn adwa abɛsisi Yerusalem aponkɛseɛ ano, ne n’afasuo nyinaa ho ahyia, ne Yuda nkuro nyinaa ho.
16Na mabu wɔn wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagya me, na wɔahye aduhwam ama anyame foforɔ, na wɔakoto asɔre wɔn nsa ano nnwuma.
17Enti wo deɛ, bɔ w’abɔsoɔ; na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔ wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔ wɔn anim.
18Yer 15.20; Hes 3.8-9 Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ.
19Na wɔne wo bɛdi ako, nanso wɔrentumi wo, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
