1 Aso 20.28 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa.
2Tito 1.6-7 Nso deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ wɔnnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyerɛ baako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwene mu teɛ, ɔyɛ ne ho wesee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔnim nkyerɛkyerɛ,
3ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom ɔdwoɔ, ɔnyɛ ntɔkwapɛ, ɔnyɛ sikanibereɛ;
41 Sa 2.12 ɔdi ɔno ara ne fie so yie ma ne mma hyɛ n’ase animuduro nyinaa mu.
5Na sɛ obi nhunu ne fie so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Nyankopɔn asafo soɔ?
6Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoran anhwe ɔbonsam atemmuo mu.
71 Ko 5.12-13; 1 Ti 5.10 Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afidie mu.
Esu a ɛfata asomfoɔ ne wɔn yerenom8 Flp 1.1; Aso 6.3 Asafo mu asomfoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duro, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adufudepɛfoɔ;
9wɔde gyidie ahuntasɛm no sie ahonim a emu teɛ mu.
10Ma wɔnsɔ yeinom nhwɛ kane, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom.
11Tito 2.3 Mmaa no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekubɔfoɔ, wɔn ani so nna hɔ, wɔnni ade nyinaa mu nokorɛ.
121 Ti 3.2 Asafo mu asomfoɔ nyɛ ɛyerenom mmaako mmaako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ara fie so yie.
13Na wɔn a wɔsom yie no, nya nnyinasoɔ pa ne nnam bebree, gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu.
Nyankopɔn asafo14M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn ntɛm pa deɛ, nanso meretwerɛ yeinom mabrɛ wo ansa,
152 Ti 2.20; Efe 2.19-22 na sɛ ebia mekyɛre a, woahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wobu wo bra Nyankopɔn fie a ɛyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ dum ne nnyinasoɔ no mu.
16Yoh 1.14; Yoh 16.10; Rom 1.4; Mar 16.19 Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no:
Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu,
wɔbuu no bem honhom mu,
ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ,
wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,
wɔgyee no dii wiase,
wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
