1 Ahemfo 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Salomo mpanimfoɔ

1Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene.

21 Ah 2.35 Na yeinom ne ne mmapɔmma: Sadok ba Ɔsɔfoɔ Asaria;

3Sisa mma Elihoref na Ahia ne atwerɛfoɔ; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ;

41 Ah 2.35; 2 Sa 23.20 Yoiada ba Benaia di asraadɔm no so, na Sadok ne Abiatar di asɔfoɔ;

5Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;

61 Ah 5.14 na Ahisar di ahemfie so, na Abda ba Adoniram di wɔn a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma so.

7Na Salomo wɔ toɔ sohwɛfoɔ dummienu Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fie aduane soɔ; afirinhyia mu bosome baako wɔn mu biara ma aduane.

8Wɔn din nie: Hur ba wɔ Efraim bepɔ so;

9Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bat-semes ne Elon-bet-anan;

10Hesed ba wɔ Arubot, (ne deɛ ne Soko ne Hefer asase nyinaa);

111 Sa 16.8 Abinadab ba wɔ Nafat-dor nyinaa. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).

12Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Saretan nkyɛn mu nyinaa Yesreel ase, de firi Bet-sean kɔduru Abel-mehola, de kɔ Yokmeam akyi;

13Num 32.41 Geber ba wɔ Ramot-gilead, (ne deɛ ne Manase ba Yair atenaeɛ a ɛwɔ Gilead no, ne deɛ nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkuro akɛseɛ aduosia a ɛho wɔ afasuo ne kɔbere mfrafraeɛ adaban);

14Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim;

15Ahimaas wɔ Naftali; (ɔno nso faa Salomo ba Basmat wareɛ);

16Husai ba Baana wɔ Aser ne Alot;

17Parua ba Yehosafat wɔ Isakar;

18Ela ba Simei wɔ Benyamin;

19Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifoɔ hene Sihon ne Basanhene Og asase so, na toɔ sohwɛfoɔ baako na ɔwɔ Yuda asase no soɔ.

20 1 Ah 3.8; Gye 13.16; 22.17 Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.

Salomo tumi

21Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.

22Na Salomo da koro aduane yɛ esiam pa susukoraa aduasa ne ayuosiam susukoraa aduosia;

23anantwie a wɔadorɔ du ne adidibea anantwie aduonu ne nnwan ɔha, ɛsono aforoteɛ, nnowa, awansane ne nnomaa a wɔadorɔ.

24Na ɔdi asubɔnten no atɔeɛ ahemfo a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi firi Tifsa bɛduru Gasa, na ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahyeɛ nyinaa so hyiae.

25Lew 25.18; 2 Ah 18.31 Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.

26Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem aduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu.

27Na ɛtoɔ sohwɛfoɔ no hwɛɛ aduane so maa Ɔhene Salomo ne wɔn a wɔbaa Ɔhene Salomo pono ho nyinaa, obiara wɔ ne bosome mu; wɔmma hwee nka.

28Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.

Salomo nyansa

29 1 Ah 3.12 Na Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhunumu bebree pa ne adwene a emu trɛ sɛ mpoano anwea.

30Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.

31Na ɔnim nyansa sene nnipa nyinaa, ɔsene Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mma no, na ne din hyetae wɔ amanaman nyinaa mu.

32Skf 12.9 Na ɔbubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom yɛ apem ne nnum.

33Na ɔkasaa nnua ho firi tweneduro a ɛwɔ Lebanon so kɔsii adwera a ɛfifiri ɔfasuo mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm.

341 Ah 10.1, 6 Na amanaman nyinaa mu bi baa sɛ wɔrebɛtie Salomo nyansa, wɔfirii asase so ahemfo a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help