Hiob 40 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hiob brɛ ne ho ase, AWURADE asɛm a ɛtɔ so mmienu. Susono ne ɔdɛnkyɛmmirampɔn

1Na AWURADE buaa Hiob sɛ:

2 Yes 45.9 Ɔtɛnyifoɔ bi ne Otumfoɔ no bɛham anaa?

Deɛ ɔne Onyankopɔn gye akyinnyeɛ no, ɔmmua ɛ!

3Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:

4Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ?

Me nsa na mede meto m’ano.

5Makasa prɛko, na merentia so;

ne mprenu, na merenkɔ so bio.

6Ɛnna AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

7 Hiob 38.3 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ,

mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

8 Hiob 37.5 Wobɛdane m’atemmuo no ani?

Wobɛbu me fɔ na woadi bem?

9Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ,

na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?

10Ɛnneɛ fa tumidie ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho,

na fira ɔhyerɛn ne animuonyam,

11hwie w’abufuo mmorosoɔ no gu,

na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.

12Hwɛ ahantanfoɔ nyinaa na brɛ wɔn ase,

na tiatia abɔnefoɔ so wɔ wɔn tenabea hɔ.

13Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu,

na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm,

14ɛnneɛ na me nso mɛkamfo wo

sɛ wo ara wo nifa na agye woɔ.

15Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo,

ewira na ɔdi no sɛ nantwie.

16Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asene mu

ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu.

17Ɔkoa ne dua sɛ tweneduro,

ne srɛ mu nhoma nso toatoa mu.

18Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ dorobɛn,

ne nkasɛɛ te sɛ adaban.

19Ɔno ne Nyankopɔn akwan mfitiaseɛ,

ne yɛfoɔ nko ara na ɔtumi de afena ka no.

20Na mmepɔ so aduane ma no,

na wiram mmoadoma nyinaa goro hɔnom.

21Nkasɛɛnkasɛɛ nnua ase na ɔda,

demmire ne ɔwora ahuntaeɛm.

22Nkasɛɛnkasɛɛ nnua nwunu kata ne so,

nsunoa nnua twa ne ho hyia.

23Hwɛ, asuo ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo;

sɛ Yordan bu ba n’ano mpo a, ne bo da ne yam ara.

24Wɔbɛtumi akye no animono,

na wɔde fidie ahwire ne hwenem?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help