Gyenesis 21 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Isak awoɔ

1 serɛ so.

15Na nsuo no saa wɔ kotokuo no mu no, ɔgyaa abɔfra no too dɔtɔ bi ase.

16Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.

17Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.

18Sɔre ma abarimaa no so, na fa wo nsa sɔ ne mu; na mɛyɛ no ɔman kɛseɛ.

19Na Onyankopɔn buee n’ani, na ɔhunuu subura bi, na ɔkɔ kɔsaa bi hyɛɛ nsuo kotokuo no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee.

20Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na ɔnyinii, na ɔtenaa ɛserɛ so hɔ yɛɛ agyantoni.

21Gye 16.3 Na ɔtenaa Paran serɛ so; na ne na kɔwaree yerɛ firi Misraim asase so brɛɛ no.

Abimelek ne Abraham apam

22 Gye 26.26 Na berɛ no mu no, Abimelek ne ne safohene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w’akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.

23Gye 20.15 Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na sɛ adɔeɛ a meyɛɛ woɔ no teɛ no, wode bi bɛyɛ me ne m’asase a woabɛyɛ hɔhoɔ wɔ soɔ yi.

24Na Abraham kaa sɛ: Mɛka ntam no.

25Gye 26.15, 18 Na asubura bi a Abimelek nkoa nam aniɛden so gyeeɛ no nti, Abraham kaa Abimelek anim.

26Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ.

27Na Abraham de nnwan ne anantwie maa Abimelek, na wɔn baanu pamee.

28Na Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson gyinaa fa.

29Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson a woyii wɔn gyinaa fa yi aseɛ ne sɛn?

30Na ɔkaa sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson yi, gye wɔ me nsam, na ɛnyɛ me adanseɛ sɛ me na metuu abura yi.

31Gye 26.33 Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.

32Na wɔpamee wɔ Beer-seba; na Abimelek ne ne safohene Pikol sɔree, na wɔsane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

33Gye 12.8; Yes 40.28; Rom 16.26 Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.

34Na Abraham yɛɛ ɔhɔhoɔ Filistifoɔ asase so nna pii.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help