1 Makabee 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ptoleme hyɛne Siria

1Afei Misraim hene boaa akofoɔ pii ano sɛ ɛpo ano anwea, ne nsuhyɛn bebree; na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔnam nnaadaa kwan so bɛgye Aleksandro ahennie na ɔde aka n’ankasa ahennie ho.

2Ɔsiim de asomdwoeɛ nsɛm kɔɔ Siria, na nnipa a wɔwɔ nkuro no mu no buee wɔn apono maa no, na ɔkɔ kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ na Ɔhene Aleksandro ahyɛ sɛ wɔnhyia no, ɛsiane sɛ na ɔyɛ Aleksandro ase barima.

3Nanso ɛberɛ a Ptoleme hyɛnee nkuro no mu no, ɔde akofoɔ abansifoɔ tenaa kuro biara mu.

4Ɛberɛ a ɔbɛnee Asoto no, wɔkyerɛɛ no Dagon abosonnan a wɔahyeɛ no, ne afunu a ɛgugu hɔ, ne wɔn a Yonatan hyee wɔn wɔ ɔko mu no, ɛfiri sɛ na wɔaboaboa ano wɔ ne kwan ho.

5Wɔsan nso kaa deɛ Yonatan ayɛ, sɛ wɔde rebɔ no soboɔ; nanso ɔhene yɛɛ komm.

6Yonatan hyiaa ɔhene wɔ Yopa wɔ anidie mu, na wɔkyeakyeaa wɔn ho na wɔdaa hɔ anadwo no.

7Na Yonatan ne ɔhene no kɔɔ ara kɔduruu asubɔnten a wɔfrɛ no Eleuterus ho; na afei ɔsan baa Yerusalem.

8Enti Ɔhene Ptoleme nyaa tumi wɔ mpoano nkuro no so de kɔsi Seleusia a ɛda ɛpo ho no, na ɔkɔɔ so ara faa adwene bɔne tiaa Aleksandro.

9Ɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn kaa sɛ: Bra ma yɛnyɛ apam, na mede wo bɛma me babaa a na ɔyɛ Aleksandro yere no aware, na wobɛdi w’agya ahennie so.

10Afei na manu me ho sɛ mede me babaa maa no, ɛfiri sɛ wapɛ sɛ anka ɔku me.

11Ɔde soboɔ no bɔɔ Aleksandro ɛfiri sɛ na n’ani bere n’ahennie no.

12Enti ɔgyee ne babaa no firii ne nsam na ɔde no maa Demetrius. Ɔtwee ne ho firii Aleksandro ho, na wɔn manso no bɛdaa adi pefee.

13Ɛnna Ptoleme hyɛnee Antiokia na ɔkɔhyɛɛ Asia ahenkyɛ no. Yei kyerɛ sɛ ɔde ahenkyɛ mmienu hyɛɛ ne ti, Misraim ahenkyɛ ne Asia deɛ no.

14Saa berɛ no na Ɔhene Aleksandro wɔ Kilikia, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ mantam no mu no ate atua.

15Ɛberɛ a Aleksandro teeɛ no, ɔbɛhyiaa no ne no koe. Ptoleme siim de akofoɔ a wɔyɛ den kɔhyiaa no, na ɔmaa wɔn dwanee.

16Enti Aleksandro dwane kɔɔ Arabia kɔbɔɔ ne ho adwaa hɔ, na Ɔhene Ptoleme dii nkonim.

17Sabdiel ne Arab twaa Aleksandro ti na ɔsoma de kɔmaa Ptoleme.

18Nanso nnansa akyi no, Ɔhene Ptoleme wui, na nnipa a wɔtete abandenden no mu hɔ no kunkumm n’akofoɔ no wɔ abandenden no mu hɔ.

19Ɛno nti Demetrius bɛyɛɛ ɔhene wɔ afe ɔha aduosia nson mu.

Yonatan yɛ amanyɛsɛm

20Nna no mu Yonatan boaboaa Yudeafoɔ sɛ wɔrekɔto ahyɛ abankɛseɛ a ɛwɔ Yerusalem no so, na ɔhyehyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu afasuo a ɔde bɛko atia no.

21Nanso atuatefoɔ bi a wɔtan wɔn man kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ Yonatan retua abankɛseɛ no.

22Ɛberɛ a ɔtee yei no, ne bu fui, na ɔteeɛ no, ntɛm ara na ɔsiim baa Ptolemais; na ɔtwerɛ kɔmaa Yonatan sɛ ɔnnyae atuateɛ no, na mmom ɔmmɛhyia no wɔ Ptolemais ntɛm ara na wɔmfa adwene.

23Ɛberɛ a Yonatan tee yei no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔ so ara ntua abankɛseɛ no. Ɔyii Israel mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi, na ɔde ne nkwa dii agorɔ,

24ɛfiri sɛ ɔkɔɔ ɔhene hɔ wɔ Ptolemais de sika, dwetɛ, ntadeɛ ne akyɛdeɛ pii kɔmaa no. Na ɔnyaa ɔhene anim adom.

25Ɛwom sɛ na atuatefoɔ bi a wɔfiri ne man mu kɔ so ara bɔ no kwaadu deɛ,

26nanso ɔhene no yɛɛ no te sɛ deɛ na n’akannifoɔ yɛe no ara; ɔkorɔnn no wɔ ne Nnamfonom nyinaa anim.

27Ɔsii no pi sɛ ɔno ne ɔsɔfo panin ne animuonyam ahodoɔ a na akane no ɔwɔ, na ɔmaa wɔkan no kaa ne Nnamfonom atitire no ho.

28Afei Yonatan bisaa ɔhene no sɛ ɔmfa Yudea ne Samaria mansini mmiɛnsa no ho nkyɛ wɔn wɔ ɛtoɔ tua mu, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no dwetɛbena ahasa.

29Ɔhene penee so, na ɔtwerɛɛ krataa a ɛfa nnoɔma yeinom nyinaa ho kɔmaa Yonatan; na emu nsɛm no te sɛ deɛ ɛdidi soɔ yi:

30Ɔhene Demetrius de kɔma ne nua Yonatan ne Yudafoɔ man, mekyea mo.

31Nwoma a yɛtwerɛ faa wo ho kɔmaa yɛn busuani Lastenes nhwɛsoɔ na yɛatwerɛ de rebrɛ wo nso yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhu deɛ ɛreka.

32Ɔhene Demetrius de kɔma n’agya Lastenes, mekyea wo.

33Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ ama Yudafoɔ a wɔyɛ yɛn ayɔnkofoɔ no, ɛsiane adɔeɛ a wɔayi no adi akyerɛ yɛn no nti.

341 Mak 10.30 Yɛasi no pi sɛ Yudea, Afairema ne Lida amansini no yɛ wɔn dea; akyire deɛ no, wɔde mantam a wɔn ne wɔn bɔ hyeɛ no nyinaa aka wɔn ho firi Samaria. Na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ Yerusalem no, yɛama wɔn fawohodie wɔ adehyeɛ toɔ a na anka wɔtua firi asase no so nnɔbaeɛ ne nnua so nnuaba de ma ɔhene afe biara no ho.

35Na ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛtoɔ nkaeɛ a ɛyɛ yɛn dea no, ntotosoɔ du du, ɛtoɔ a ɛsɛ sɛ ɛba yɛn nkyɛn no, ne nkyene amena ne ahenkyɛ toɔ a wɔyi ma yɛn no, yɛbɛma mo agyae yeinom nyinaa tua.

36Na mmoa sika yi, wɔrentwa mu da ɛfiri nnɛ de kɔsi daa.

37Afei hwɛ yei yie na yɛ ne nhwɛsoɔ bi, na wɔmfa ma Yonatan na wɔmfa nto baabi a wɔbɛhu wɔ bepɔ kronkron no so.

Trifo kontokyisɛm

38Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius hunuu sɛ asase no so ayɛ dinn wɔ n’anim na obiara nsɔre ntia no no, ɔgyaa n’akofoɔ no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie mu, na ɛkaa ahɔhoɔ akofoɔ a wɔfaa wɔn firii nsupɔ a ɛwɔ aman soɔ no. Enti akofoɔ a na anka wɔasom n’akannifoɔ tanee no.

39Afei Trifo bi a akane no na ɔyɛ Aleksandro akyitaefoɔ no mu baako; ɔhunuu sɛ akofoɔ no nyinaa renwiinwii tia Demetrius. Enti ɔkɔɔ Arabni Imalkue a na ɔretete Aleksandro ba kumaa Antiokus,

40na ɔhyɛɛ no dendeenden sɛ ɔmfa Antiokus ma no, na ɔmmɛsi n’agya ananmu nni hene. Ɔsan nso ka kyerɛɛ Imalkue adeɛ a Demetrius ayɛ, ne ɔtan a Demetrius akofoɔ tan no; na ɔtenaa hɔ nna bebree.

41Afei Yonatan soma kɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn sɛ ɔnyi akofoɔ a wɔwɔ Yerusalem abankɛseɛ ne abandenden mu no hɔ; ɛfiri sɛ na wɔda so ara ne Israel di ako.

42Ɛnna Demetrius soma de asɛm yi kɔmaa Yonatan sɛ: Ɛnyɛ yei nko na mɛyɛ ama wo ne wo man, na mmom mede animuonyam kɛseɛ bɛma wo ne wo man, sɛ menya ɛberɛ a ɛsɛ a.

43Seesei deɛ wobɛbɔ mmɔden asoma mmarima a wɔbɛboa me, ɛfiri sɛ m’akofoɔ no nyinaa ate tua.

44Enti Yonatan soma de mmarima abrane mpem mmiɛnsa kɔmaa no wɔ Antiokia, na ɛberɛ a wɔbɛduruu ɔhene nkyɛn no, ɔhene no ani gyee sɛ wɔabɛduru.

45Afei nnipa a wɔwɔ kuro no mu boaboaa wɔn ho ano, na na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɔha aduonu, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔbɛku ɔhene.

46Nanso ɔhene dwane kɔhyɛɛ ahemfie. Ɛnna afei kuro no mu nnipa gyee kuro no abɔntene fae, na wɔfirii aseɛ koe.

47Enti ɔhene frɛɛ Yudafoɔ no sɛ wɔmmɛboa no, na wɔbɛtwaa ne ho hyiae, na afei wɔfefaa kuro no mu baabiara; na ɛda no wɔkumm nnipa bɛyɛ ɔpeha.

48Wɔde ogya hyee kuro no na wɔfaa asadeɛ pii ɛda no, na wɔgyee ɔhene no nkwa.

49Na ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ kuro no mu hunuu sɛ Yudafoɔ no anya tumi wɔ kuro no so sɛdeɛ wɔpɛ no, wɔn akoma tui, na wɔsu de kyɛw pa kɔmaa ɔhene sɛ:

50Dom yɛn asomdwoeɛ, na ma Yudafoɔ no nnyae ɔko a wɔreko tia yɛn ne yɛn kuro no.

51Na wɔtotoo wɔn akodeɛ guu fam na wɔyɛɛ asomdwoeɛ nhyehyɛɛ. Saa nti Yudafoɔ no nyaa animuonyam wɔ ɔhene no ani so ne nnipa a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa ani so, na wɔsan de asadeɛ pii baa Yerusalem.

52Enti Ɔhene Demetrius tenaa n’ahennie adwa so, na asase no so dwoe ne berɛ so.

53Nanso ɔbuu ne bɔhyɛ a ɔhyɛeɛ no nyinaa so; na ɔno ne Yonatan ntam teteeɛ, na papayɛ a Yonatan yɛɛ no no, mmom ɔde ayakayakadeɛ na ɛtuaa ne so ka.

Trifo gye ahennie no

54Yei akyi no, Trifo san bae, na na abarimaa Antiokus a ɔfirii aseɛ hyɛɛ ahenkyɛ na ɔdii adeɛ no ka ne ho.

55Akofoɔ a Demetrius yii wɔn adie no nyinaa boaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na wɔn ne Demetrius koe, na ɔdwanee, na ɔdii nkoguo.

56Trifo kyeree asono no na ɔnyaa tumi wɔ Antiokia so.

57Afei aberanteɛ Antiokus twerɛ kɔmaa Yonatan kaa sɛ: Mefoa wo so wɔ wo sɔfo panin yɛ no, na mede mansini nnan hyɛ wo nsa, na mayɛ wo ɔhene Nnamfonom no mu baako.

58Ɔsan nso soma maa wɔde sika plɛte ne ɔsom pono bi kɔmaa no, na ɔmaa no kwan sɛ ɔnom sika nkuruwa ano na ɔnhyɛ beredum atadeɛ na ɔmmɔ sika aboomu.

59Ɔyii Yonatan nua Simon sɛ amrado firi Lader a ɛwɔ Tiro de kɔsi Misraim ahyeɛ so.

Yonatan ne Simon satuo

60Afei Yonatan siim na ɔtuu kwan traa asubɔnten no ne nkuro no, na Siria asraafoɔ no nyinaa boaa wɔn ho ano bɛyɛɛ n’ayɔnkofoɔ. Ɛberɛ a ɔbaa Askelon no, nnipa a wɔwɔ hɔ no hyiaa no, na wɔhyɛɛ no animuonyam.

61Ɛfiri hɔ no, ɔkɔɔ Gasa, nanso nnipa a wɔwɔ Gasa no sii no kwan. Yei nti ɔtuaa kuro no de ogya hyee n’aborɔno no na ɔfomm mu nnoɔma fae.

62Afei nnipa a wɔwɔ Gasa no srɛɛ Yonatan, na ɔne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam, na ɔfaa wɔn ahemfo mmabarima nnommum, na ɔde wɔn baa Yerusalem. Na ɔtwaam faa ɔman no mu kɔduruu Damasko.

63Afei Yonatan tee sɛ Demetrius mpanimfoɔ no de asraafoɔ dɔm kɛseɛ aba Kades a ɛwɔ Galilea, na wɔafa adwene sɛ wɔbɛyi no afiri ne diberɛ.

64Ɔkɔhyiaa wɔn, na mmom ɔgyaa ne nua Simon hɔ wɔ ɔman no mu.

65Simon kyeree nsra wɔ Bet-sur anim na ɔko tiaa no nna bebree na ɔkaa wɔn miaeɛ.

66Afei wɔsrɛɛ no sɛ ɔne wɔn nyɛ asomdwoeɛ ho nhyehyɛɛ, na ɔyɛɛ saa. Ɔyii wɔn firii hɔ, na ɔfaa kuro no, na ɔde abansifoɔ duaa hɔ.

67Yonatan ne n’asraafoɔ no kyeree nsraban wɔ asuo a ɛwɔ Genesaret ho. Anɔpahema na wɔkɔɔ Hasor asasetam no ho,

68na asasetam no so hɔ na asraafoɔ ahɔhoɔ no hyiaa no; na wɔahunta retɛ no wɔ mmepɔ no so, nanso wɔn ankasa bɛhyiaa no anim ne anim.

69Afei mmarima atɛfoɔ no firi wɔn mmeammea ba bɛkoe.

70Mmarima a wɔka Yonatan ho no nyinaa dwanee; anka wɔn mu baako mpo gye Matatias a n’agya ne Absalom, ne Yuda a n’agya ne Kalfi, asahene a wɔdeda asraafoɔ dɔm no ano.

71Yonatan sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔde mfuturo guu ne tirim, na ɔbɔɔ mpaeɛ.

72Afei ɔsan danee ne ho kɔɔ akono ne n’atamfoɔ kɔkoe, na ɔdii wɔn so, na wɔdwanee.

73Ɛberɛ a ne mmarima a wɔredwane no hunuu yei no, wɔsan baa ne nkyɛn bɛkaa ne ho ne no tii wɔn kɔɔ Kades, wɔn nsraban mu, na wɔkyeree nsra wɔ hɔ.

74Asraafoɔ ahɔhoɔ no mu dodoɔ bɛyɛ mpem mmiɛnsa totɔe ɛda no. Na Yonatan san baa Yerusalem.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help