Hesekiel 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yerusalem asodie ne asotwe

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 24.6 Na wo, onipa ba, wobɛbu kuro a mogya ayɛ mu ma no atɛn? Ɛnneɛ ma no nhunu n’akyiwadeɛ nyinaa,

3na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Kuro a ɛhwie mogya gu wɔ mu, sɛ ne berɛ mmra, na ɛyɛ abosonhuhuo fa de gu ne ho fi.

4Wo mogya a wohwie guiɛ no mu na wodi so, na w’abosonhuhuo a woyɛeɛ no, na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woaduru wo mfeɛ awieeɛ; ɛno nti, mede wo ayɛ ahohoradeɛ ama amanaman, ne fɛdie ama nsase nyinaa;

5wɔn a wɔbɛn woɔ ne wɔn a wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ deɛ ne din ho agu fi, na ne sakasakayɛ dɔɔso.

6Hwɛ Israel aberempɔn a wɔwɔ mo mu no, wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhwie mogya gu sɛdeɛ ne tumi teɛ.

7Eks 22.21-22 Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.

8Wobu m’akronkronneɛ animtia, na wogu me home nna ho fi.

9Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini.

10Lew 18.7, 19 Wo mu na wɔyi agya adagya so; wo mu na wɔkɔ deɛ asakyima ama ne ho akum no ho.

11Lew 18.9; 15.20 Na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ, na obi gu n’ase baa ho fi aniwudeɛ mu, wo mu na obi to ne nuabaa, n’agya ba, mmɔnaa.

12Eks 22.25 Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

13Na hwɛ, mebɔ me nsamu, w’aniberebereɛ mfasoɔ a wonya, ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho.

14W’akoma bɛtumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bɛdie no? Me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

15Na mɛbɔ wo apete amanaman mu, na mapansam wo, nsase so, na mɛhye wo fi no koraa afiri wo ho.

16Na wo ho bɛgu fi amanaman anim, na woahunu sɛ mene AWURADE.

17Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18Yes 1.22; Yer 6.28 Onipa ba, Israel fie ayɛ me dwetɛ fi. Wɔn nyinaa yɛ me fononoo mu kɔbere mfrafraeɛ ne sanya ne dadeɛ ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bini.

19Ɛno nti sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Ɛsiane sɛ mo nyinaa adanedane dwetɛ fi nti, hwɛ, mereboa mo ano ahyia Yerusalem.

20Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, sumpii ne sanya ano fononoo mu, fite ɛho gya mu ma no nane no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuo ne m’anibereɛ mu, na mede mo ahyɛ mu anane mo,

21na maka mo abom na masɔ mo ho gya m’anibereɛ mu, na moanane wɔ mu.

22Sɛ dwetɛ nane fononoo mu no, saa ara na mobɛnane mu, na moahunu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ no.

23Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ: Woyɛ asase a wɔntee ho, na wɔmmma osuo ntɔ so abohuro da mu.

25Hes 34.3, 8; Dwom 14.4; Mat 23.14 N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi onipa nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso.

26Sef 3.4; Hes 44.23 N’asɔfoɔ bu me mmara so, na wɔgu m’akronkronneɛ ho fi; wɔmma no nsono akronkronneɛ ne adeɛ a ɛnyɛ akronkronneɛ, na wɔnkyerɛ adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ no ntam nsonsonoeɛ, na wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fi wɔ wɔn mu.

27Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.

28Hes 13.6 Na n’adiyifoɔ sra hyire ma wɔn, wɔhunu adehuhuo na wɔhyɛ wɔn nkɔntorɔ; wɔka sɛ: Sei na AWURADE seɛ, nanso na AWURADE nkasae.

29Asase no so nkurɔfoɔ di amim na wɔsi apempem, na wɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, na wɔsi ɔhɔhoɔ apempem a ɛntene koraa.

30Hes 13.5 Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.

31Hes 21.31 Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help