1Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no.
2Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kaa sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene,
3na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.
4Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa.
5 no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.
17Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.
18Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.
19Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu.
20Est 2.10 Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛdeɛ Mordekai hyɛɛ no no; ɛfiri sɛ na Ester di Mordekai asɛm so sɛ berɛ a na ɔhwɛ ne soɔ no.
Mordekai yi atirisopam bi adi21Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔfiri wɔn a wɔwɛn ɔpono ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros.
22Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene.
23Est 6.1-2 Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ no, wɔsensɛnee wɔn baanu no dua so. Na wɔtwerɛ hyɛɛ Berɛsosɛm Nwoma no mu ɔhene anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
