1Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?
2Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho biribiara; na mmeranteɛ no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
3Na afei, ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam? Ma me paanoo nnum anaa biribiara a wobɛnya.
4Lew 24.5-9; 22.3-7; Eks 19.15 Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ: Paanoo hunu biara nni me nsam, sɛ paanoo kronkron na ɛwɔ hɔ; sɛ mmeranteɛ no akora wɔn ho afiri mmaa ho nko a!
5Na Dawid buaa see ɔsɔfoɔ no sɛ: Ampa, wɔmma mmaa mmɛn yɛn berɛ biara a yɛrekɔ akɔdi dwuma bi no; na mmeranteɛ no adeɛ ho te, na nkantom nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn adeɛ ho teɛ yi.
6Mat 12.3 Ɛnna ɔsɔfoɔ no de akronkronneɛ no maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ Kyerɛ paanoo a wɔyi firi AWURADE anim de paanoohyeɛ bɛgu hɔ da a wɔyiiɛ no.
7 1 Sa 22.9, 18 Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin.
8Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: Pea anaa nkrantɛ biara nni wo nsam ha? Na me nkrantɛ ne me nnoɔma mpo mamfa mankura, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.
91 Sa 17.50-51 Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!
10 Dwom 56.1 Na Dawid sɔre dwanee da no Saulo anim, na ɔkɔɔ Gathene Akis nkyɛn.
111 Sa 18.7; 29.5 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no nie? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asa mu kaa sɛ:
Saulo akum n’apem,
na Dawid akum ne mpem du no?
12Na Dawid de nsɛm yi siee n’akoma mu, na ɔsuroo Gat hene Akis anim sɛ.
13Dwom 34.1 Na ɔsakyeraa ne suban wɔn anim, na ɔboapa yɛɛ ne ho bɔdamfoɔ wɔn nsam, na ɔwerɛwerɛɛ kuro no apono nta ho, na ɔmaa ne ntasuo sinsianee n’abɔdwesɛ mu.
14Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, mohunu sɛ onipa yi abɔ dam, na adɛn nti na mode no abrɛ me?
15Abɔdamfoɔ abɔ me na mode oyi aba sɛ ɔmmɛdi me so abɔdansɛm yi? Oyi mmra me fie anaa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
