1Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee.
2Adidi kronkron no asehyɛ
19 Petro pa ho nkɔmhyɛ(Mateo 26.31-35; Marko 14.27-31; Yohane 13.36-38)
31 Kɔkɔbɔ bi
35 Getsemane awerɛhoɔ(Mateo 26.30; 26.36-46; Marko 14.26; 14.32-42)
39 Yesu kyerɛ(Mateo 26.47-56; Marko 14.43-49; Yohane 18.2-11)
47Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, nnipakuo bi bae a dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na ɔtwe bɛnee Yesu, bɛfee n’ano.
48Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfeano na ɛreyi onipa ba no ama?
49Na wɔn a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛba no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrantɛ anaa?
50Na wɔn mu baako bɔɔ ɔsɔfo panin akoa, na ɔtwaa n’aso nifa.
51Na Yesu buaa sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔsɔɔ n’aso no mu de famm hɔ.
52Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ: Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi?
53Petro pa ne wura(Mateo 26.57-58; 26.69-75; Marko 14.53-54; 14.66-72; Yohane 18.12-18; 18.25-27)
54Na wɔkyere no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin fie. Na Petro deɛ, ɔdii wɔn akyi wɔ akyirikyiri.
55Na wɔsɔɔ ogya adihɔ hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.
56Na abaawa bi hunuu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.
57Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no.
58Na ankyɛ na ɔfoforɔ hunuu no, na ɔse: Wo nso wofiri wɔn mu. Na Petro se: Barima, memfiri wɔn mu.
59Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔfoforɔ bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Galileani.
60Na Petro se: Barima, mennim deɛ woreka yi. Na amonom hɔ ara a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee.
61Luk 22.34 Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.
62Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya.
Yesu ho agorɔdie(Mateo 26.67-68; Marko 14.65)63Na mmarima a wɔkura Yesu no goroo ne ho hwee no.
64Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wɔbisaa no sɛ: Hyɛ nkɔm! Hwan na ɔbɔɔ woɔ?
65Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu ne soɔ.
Yesu gyina badwa mu(Mateo 26.59-66; Marko 14.55-64)66 Yoh 18.24 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no bɛhyiaeɛ, na wɔde no kɔɔ wɔn asɛnniiɛ
67kaa sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mese mo a, morennye nni;
68na sɛ nso mebisa mo a, moremmua me.
69Na ɛfiri nnɛ na Onipa Ba no bɛtena Nyankopɔn tumi nifa soɔ.
70Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.
71Na wɔse: Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Na yɛn ara yɛate afiri n’anomu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.