Mmebusɛm 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Boasetɔ ne asomdwoeɛpɛ

1Mma wo ho mmpere wo, abɔnefoɔ ho,

na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛtena,

2na wɔn akoma dwene ɔsɛeɛ ho,

na wɔn ano ka mmusuo.

3Wɔde nyansa na ɛsi dan,

na wɔde nhunumu ma no gyina,

4 Mmb 31.10-31 na wɔnam nimdeɛ so de ahodeɛ aboɔdenneɛ afɛfɛdeɛ nyinaa

hyɛ mpia mama.

5Ɔbarima nyansafoɔ wɔ ahoɔden,

na ɔba nimdefoɔ ma ne tumi mu yɛ den.

6 Mmb 20.18; 11.14 Atɛmpa na fa kyekyere wo sa,

na nkonim wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu.

7Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ,

ɔmmue n’ano kuro pono mu.

8Deɛ ɔdwene bɔneyɛ ho no,

wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

9Agyimisɛm tirimbɔ yɛ bɔne,

na nnipa akyiwadeɛ ne ɔfɛdifoɔ.

10Wo nsa mu go ahohiahia da mu a,

w’ahoɔden sua.

11 Hiob 29.12; Dwom 82.4 Gye wɔn a wɔtwe wɔn kɔ owuo mu,

na sɛ wɔtɔ ekum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ.

12 Mmb 16.2; 1 Sa 16.7; Rom 2.6 Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a,

deɛ ɔkari akoma no nhunu mu,

na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa?

Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.

13Di ɛwoɔ, me ba, na ɛyɛ,

ne ɛwoɔkyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ;

14 Mmb 23.18 saa na bu nyansa ma wo kra,

sɛ wohunu a, ɛso akatua bɛba daakye,

na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene.

15Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie,

na nsɛe ne homebea.

16 Hiob 5.19; Dwom 37.24 Na mprɛnson na ɔteneneeni hwe ase na ɔsɔreɛ,

na abɔnefoɔ deɛ, amanehunu hwe wɔn ase.

17 Hiob 31.29 Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye,

na ɔwatiri a, mma w’akoma nnni ahurisie,

18na AWURADE anhunu, na anyɛ n’ani so bɔne,

na wannane n’abufuo amfiri ne so.

19 Mmb 3.31; Dwom 37.1; 73.3 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ ho,

na mma w’ani mmmere abɔnefoɔ.

20 Mmb 13.9 Na akyire asefoɔ nni hɔ mma ɔbɔne,

abɔnefoɔ kanea bɛdum.

21 1 Pe 2.17 Me ba, suro AWURADE ne ɔhene,

mfa wo ho mmɔ atuatefoɔ ho,

22 Rom 13.2 na mpofirim na amaneɛ firi wɔn hɔ bɛba,

na ɔsɛeɛ a ɛbɛfiri wɔn baanu hɔ no,

hwan na ɔnim?

23 Lew 19.15 Yeinom nso yɛ anyansafoɔ dea:

Atemmuo mu animhwɛ nyɛ.

24Deɛ ɔse ɔbɔnefoɔ sɛ:

Wotene, no, aman bɛdome no,

na amanaman bɛkyiri no.

25Na wɔn a wɔtwe aso no bɛdi yie,

na wɔn so na nhyira pa bɛba.

26 Mmb 15.23 Deɛ ɔma mmuaeɛ pa no

te sɛ deɛ ɔfe ano.

27Siesie w’adwuma wɔ baabi,

na toto wo biribiara w’asase so;

na ɛno akyiri no woakyekyere wo fie.

28 Mmb 19.5 Nni wo yɔnko ho adanse hunu,

na mfa w’ano nnaadaa.

29 Mmb 20.22 Nka sɛ: Sɛ ɔyɛɛ me no,

saa ara na mɛyɛ no,

mɛtua no deɛ wayɛ no so ka.

30Mesianee ɔbarima kwadwofoɔ afuo

ne onipa a ɔnni tire bobeturo ho,

31na hwɛ, na ne nyinaa afu nsansono,

na ahyehyewonsa akata ani,

na ɛho aboɔ fasuo abubu agu.

32Ɛnna mehwɛeɛ, na medwenee ho yie,

mehunui, na mefaa mu nyansa.

33 Mmb 6.9-11 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a mɛpono mada kakra,

34 Mmb 10.4 ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwotwafoɔ,

ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurani.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help