1Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.
2Ate 16.23 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.
3Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.
4Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.
5Yei nti na Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔba Dagon fie nyinaa ntia aponnwa aseɛ deɛ no so wɔ Asdod de bɛsi nnɛ.
6 Dwom 78.66 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.
7Na nnipa a wɔtete Asdod no hunuu sɛ ɛte saa no, wɔkaa sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa yɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon so den papa.
8Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.
9Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.
10Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man!
11Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkaa sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsane nkɔ ne siberɛ, na ankuku yɛn ne yɛn man. Na owuo anikrakra baa kuro no mu nyinaa, na Nyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.
12Na nnipa a wɔanwuo no, mpɔmpɔ sisii wɔn, na kuro no su sɔre kɔɔ ɔsoro.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
