Nnwom 123 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn mu gyidieƆsoroforɔ dwom.

1Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ,

wo a wote soro no,

2Hwɛ, sɛdeɛ nkoa

ani hwɛ wɔn wura nsa ano,

sɛ afenaa

ani hwɛ n’awuraa nsa ano no,

sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no,

kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.

3Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ,

na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.

4Taamudifoɔ fɛdie

ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ

afono yɛn kra dodo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help