Mmebusɛm NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUMmebusɛm nwoma no kura kasammebuo ne mmɛ a wɔde kyerɛkyerɛ abrabɔ ne nyamesom mu. Nsɛm no mu fa kɛseɛ no ara fa daa daa asetena mu adeyɛ nsɛm ho. Nwoma no mfitiaseɛ no kae yɛn sɛ, sɛ wopɛ sɛ wonya nhunumu a, di kan fa obuo ne nidie ma AWURADE. Ɛno akyi no, ɛtoa so ka nyamesom mu abrabɔ ho nsɛm. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom ɛka nyansa ne abrabɔ pa nso ho nsɛm. Kasammebuo ntiantia ahodoɔ no kyerɛ tete Israel akyerɛkyerɛfoɔ adwene a na wɔwɔ fa deɛ asɛm bi si a, ɛsɛ sɛ onyansafoɔ yɛ no ɛberɛ biara. Ebi fa ayɔnkofa a ɛda abusua ntam, ebi nso fa edwadie ho. Ebi fa sɛdeɛ onipa bɛdi ne ho nni afa. Ɛsane ka ɔdasani asetena, ntoboaseɛ, obuo a wɔde bu ahiafoɔ ne ayɔnkofa pa ho asɛm nso.EMU NSƐMDeɛ wɔde kamfo nyansa 1.1—9.18Salomo mmebusɛm 10.1—29.27Deɛ Agur kaeɛ 30.1-33Kasammebuo ahodoɔ 31.1-31