Yakobo 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wiase adefoɔ ho kɔkɔbɔ

1 Luk 6.24 Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!

2Mat 6.19 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ.

3Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ, nna a ɛdi akyire mu.

4Deut 24.14-15 Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.

5Luk 16.19; 16.25; Yer 12.3 Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da.

6Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan.

Abodwokyɛre wɔ amanehunu mu

7 Luk 21.19; Heb 10.36 Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.

8Mo nso, monya abodwokyɛre, monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ da a Awurade bɛba no abɛn.

9Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano.

10Mat 5.12 Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.

11Hiob 1.21-22 Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.

12 Mat 5.34-37 Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.

Gyidie mpaebɔ

13 Dwom 50.15; Kol 3.16 Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.

14Mar 6.13 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ, na wɔmmɛbɔ ne so mpaeɛ, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

15Mar 16.18 Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.

16Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.

171 Ah 17.1; Luk 4.25 Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpaeɛ denden sɛ osuo nntɔ. Na osuo antɔ asase so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia.

181 Ah 18.42 Na ɔbɔɔ mpaeɛ bio, na osuo tɔɔeɛ, na asase soo n’aba.

19 Gal 6.1 Me nuanom, sɛ mo mu bi fom firi nokorɛ ho na obi dane no a,

20Dwom 51.13; Mmb 10.12; 1 Pe 4.8 ma no nhunu sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛni firi ne mfomsoɔ kwan soɔ no, bɛgye ne kra afiri owuo mu, na wakata bɔne pii so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help