1 Korintofoɔ 14 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkɔmhyɛ sene kasa ahodoɔ

1 1 Ko 12.10; 12.31 Mompɛ ɔdɔ akyiri kwan, na mommɔ honhom fam nnoɔma no ho mmɔden, ne titire sɛ mobɛhyɛ nkɔm.

2Deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte aseɛ, na honhom mu na ɔka ahuntasɛm.

3Na deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔka nkɔsosɛm ne afotuo ne awerɛkyekyerɛ kyerɛ nnipa.

4Deɛ ɔkasa kasa bie no ma ɔno ara ne ho nkɔsoɔ, na deɛ ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔsoɔ.

5Num 11.29; 1 Ko 12.10 Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa ahodoɔ, nanso deɛ mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na deɛ ɔhyɛ nkɔm so sene deɛ ɔkasa kasa ahodoɔ, gye sɛ obi kyerɛ aseɛ ma asafo no nya nkɔsoɔ.

61 Ko 12.8 Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa ahodoɔ, na me ne mo ankasa adiyie anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa nkyerɛkyerɛ mu a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya no me ho?

7Saa nso na sɛ nnoɔma a nkwa nni mu a ɛgyegyeɛ, te sɛ abɛn, anaa sankuo, sɛ ankyerɛ nnyegyeeɛ ahodoɔ no a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte deɛ wɔhyɛneeɛ anaasɛ wɔbɔeɛ ase?

8Na sɛ totorobɛnto no annyegye yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔsa?

9Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkyerɛma ka asɛm a emu nteɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu deɛ moreka? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa gu mframa mu kwa.

10Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a wɔnte aseɛ;

11na sɛ mente kasa no ase a, mebu deɛ ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na deɛ ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni.

121 Ko 14.1-4 Na mo nso, mobɔ honhom fam nnoɔma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔsoɔ nti, mobɛboro soɔ.

131 Ko 12.10 Enti deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔmmɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ.

14Na sɛ mebɔ mpaeɛ kasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpaeɛ, na m’adwene deɛ, ɛnte aseɛ.

15Efe 5.19 Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.

16Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔnte aseɛ no agye w’aseda no so sɛ Amen, ɛberɛ a ɔnnim deɛ woreka?

17Wo deɛ, woda ase yie deɛ, nanso ɔno deɛ ɔnnya nkɔsoɔ.

18Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa kasa ahodoɔ bebree sene mo nyinaa;

19nanso asafo mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm nnum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sene sɛ mɛka nsɛm ɔpedu kasa bi mu.

20 Efe 4.14; Flp 3.12; 3.15 Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.

21Deut 28.49; Yes 28.11-12 Wɔatwerɛ no mmara no mu sɛ:

Kasa foforɔ ne ano foforɔ

na me ne ɔman yi

de bɛkasa,

na ne saa mpo wɔrentie me,

Awurade na ɔseɛ.

22Enti kasa ahodoɔ no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma gyidifoɔ, na mmom ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn a wɔnnye nnie; na nkɔmhyɛ deɛ ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie dea, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔgye die dea.

23Na sɛ asafo mu no bɛhyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa ahodoɔ, na wɔn a wɔnnim, anaasɛ wɔn a wɔnnye nnie ba mu a, wɔrenka sɛ moabobɔ dam anaa?

24Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a ɔnnye nnie anaa ɔnnim biribie ba mu a, wɔn nyinaa twi n’anim, wɔn nyinaa bu no atɛn,

25Yoh 16.8 na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.

Ɔsom mu nhyehyɛe

26 1 Ko 11.18; 11.20; 12.8-10; Efe 4.12 Na afei ɛdeɛn, anuanom? Sɛ mohyia mu a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyie anaasɛ obi wɔ nkyerɛaseɛ. Momma ne nyinaa nyɛ deɛ ɛma nkɔsoɔ.

27Sɛ obi kasa kasa bi a, ma no nyɛ nnipa baanu, atra soɔ no, baasa, na wɔnka no mmaako, mmaako, na onipa baako nkyerɛ aseɛ.

28Na sɛ asekyerɛni nni hɔ a, ɔmmua n’ano asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.

291 Te 5.21; Aso 17.11 Adiyifoɔ no deɛ, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn.

30Na sɛ obi a ɔte hɔ nya adiyie a, deɛ ɔdii kan no mmua n’ano.

31Na mo nyinaa bɛtumi aka adiyisɛm mmaako mmaako na wɔn nyinaa anya mu adesuadeɛ na wɔn nyinaa afa mu afotuo.

32Na adiyifoɔ ahonhom no hyɛ adiyifoɔ no ase;

33ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoeɛ Nyankopɔn, sɛdeɛ ɛteɛ ahotefoɔ asafo nyinaa mu no.

341 Ti 2.12; 1 Ko 11.3; Efe 5.22; Tito 2.5; Gye 3.16 Momma mmaa mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛdeɛ mmara no nso ka no.

35Na sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua biribi a, wɔmmisa wɔn ara wɔn kununom efie; ɛfiri sɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbaa sɛ ɔbɛkasa asafo mu.

36Ɛdeɛn a! Mo mu na Nyankopɔn asɛm no firi baeɛ, anaasɛ mo nko ara na abɛto mo?

37 1 Yoh 4.6 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa honhom muni a, ɔnhunu sɛ deɛ meretwerɛ mabrɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛdeɛ;

38na sɛ obi nnim adeɛ a, ɛmma no nnnim de nso.

39Enti, me nuanom, mommɔ adiyisɛnka ho mmɔden, na monnsi kasa ahodoɔ ka ho kwan.

40Kol 2.5 Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help