2 Ahemfo 16 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahas di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 28.1-27)

1 2 Be 28 Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so dunson mu na Yudahene Yotam ba Ahas bɛdii hene.

2Ahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu, na ɔdii hene mfirinhyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so sɛ n’agya Dawid.

32 Ah 21.6; Lew 18.21 Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so, na ne ba mpo ɔde no bɔɔ afɔdeɛ sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no akyiwadeɛ a na wɔyɛ.

4Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5 Yes 7.1-9 Ɛberɛ no mu na Siriahene Resin ne Israelhene Remalia ba Peka foro baa Yerusalem bɛkoeɛ; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni ne so.

62 Ah 14.22 Ɛberɛ no mu ara na Siriahene Resin gyee Elat sane maa Siria, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat, na Edomfoɔ baa Elat bɛtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.

72 Ah 15.29 Na Ahas somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Asiriahene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra bɛgye me Siriahene ne Israel hene a wɔasɔre atia me yi nsam.

81 Ah 15.18 Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no soma maa wɔde kɔmaa Asiriahene sɛ ayɛyɛdeɛ.

9Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin.

10Na Ɔhene Ahas sii mu kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-pileser wɔ Damasko; na ɔkɔhunuu afɔrebukyia a ɛwɔ Damasko no, na Ɔhene Ahas de afɔrebukyia no nsɛsoɔ ne nsususoɔ sɛdeɛ ne yɛbea nyinaa teɛ soma maa wɔde brɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria.

11Na Ɔsɔfoɔ Uria sii afɔrebukyia no sɛdeɛ Ɔhene Ahas soma firii Damasko de brɛɛ no no, saa na Ɔsɔfoɔ Uria yɛ twɛnee ba a Ɔhene Ahas firi Damasko baeɛ.

12Na ɔhene firi Damasko baeɛ no, ɔhene bɛhunuu afɔrebukyia no, na ɔhene twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ.

13Na ɔhyee ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ, na ɔhwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya petee afɔrebukyia no so.

14Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no, ɔtwe firii asɔredan no anim, afɔrebukyia foforɔ no ne AWURADE dan no ntam de kɔsii afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam.

15Na Ɔhene Ahas hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria sɛ: Afɔrebukyia kɛseɛ no so na hye anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhene hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ ne asase yi sofoɔ nyinaa hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn aduane afɔdeɛ ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyeɛ afɔdeɛ mogya nyinaa ne okum afɔdeɛ nyinaa mogya pete so; na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no nsi me hɔ na makɔ so abisa.

16Na Ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ sɛdeɛ Ɔhene Ahas hyɛɛ no no nyinaa.

17 1 Ah 7.23-39 Na Ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na ɔyiyii so nnwaresɛn no, na ɔyii dwaresɛn no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie a ɛwɔ aseɛ no so, na ɔde sii mmoseaa bi so.

18Na ɔkwan a wɔakata soɔ a wɔfa so homeda a wɔyɛɛ no efie no mu, ne ɔhene mfikyikwan no, Asiriahene nti ɔyi kɔtoo AWURADE fie.

19Na Ahas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

202 Ah 18.1 Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help