Sakaria 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔdom ɔsɔfo panin no

1 Hag 1.4; Hiob 1.9; Adi 12.10 Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

2Yuda 9 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?

3Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim.

4Yes 6.7; 61.3 Na ɔbɔfoɔ no buaa see wɔn a wɔgyinagyina n’anim no sɛ: Monyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mama w’amumuyɛ no afiri wo so kɔ, na mede ntadeɛ nsakyeraho mahyɛ wo.

5Eks 28.39 Na mese. Ma wɔmfa abotire a ɛho teɛ mmɔ no. Na wɔde abotire a ɛho teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntadeɛ. Na AWURADE bɔfoɔ no gyina hɔ.

6Na AWURADE bɔfoɔ no dii Yosua adanseɛ sɛ:

7Dwom 91.11 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.

8Yes 8.18; Sak 6.12; Yer 23.5; 33.15 Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.

9Sak 4.10; Adi 5.6 Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.

101 Ah 4.25; Mika 4.4 Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfoɔ aba bobe ase ne borɔdɔma ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help