Hiob 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hiob sɔhwɛ

1 no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.

7Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.

8Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.

9Dwom 73.13 Na Satan buaa AWURADE sɛ: Ɛnyɛ biribi nti na Hiob suro Onyankopɔn no anaa?

10Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.

11Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

12Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ.

Hiob hwere n’agyapadeɛ ne ne mma

13Na da bi, na Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie.

14Na ɔbɔfoɔ bi baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: Berɛ a anantwie no refɛntɛm na mfunumu bereɛ no nso redidi wɔn nkyɛn mu,

15Gye 10.7, 28; 25.3 ɛnna Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no, wɔde nkrantɛ ano akunkum wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

16Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.

17Gye 11.28 Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no so, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

18Ɔno nso da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie no,

19hwɛ, mframa kɛseɛ firi ɛserɛ so aba abɛbɔ ɛdan no ntwea nnan no, na adwiri agu wɔn so ama wɔawuwu, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

20Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,

21Skf 5.15; 1 Ti 6.7 na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.

22Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help