Yesaia 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Daakye asomdwoeɛ ahennie

1Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie:

2 Mika 4.1-3 Na nna a ɛdi akyire no mu no,

AWURADE fie bepɔ no

bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi,

na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa,

na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.

3 Yoh 4.22 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so

nkɔ Yakob Nyankopɔn fie,

na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,

na yɛnnante n’atempɔn so:

Na Sion na mmara bɛfire,

na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

4 Yes 9.4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn,

na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm,

na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ,

ne wɔn mpea ayɛ aderɛ.

Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ,

na wɔrensua akodie bio.

5O, Yakob fie,

mommra mma yɛnkɔ,

na yɛnkɔnante AWURADE hann mu.

6Na woagya wo man,

Yakob fie,

ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama,

ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ,

na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.

7 Deut 17.16; Mika 5.10 Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma,

na wɔn akoradeɛ nni ano.

Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma,

na wɔn nteaseɛnam nni ano.

8Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma,

wɔn nsa ano adwuma na wɔsom,

adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ.

9Enti wɔbrɛ onipa ase,

na wɔde mmarima hwe fam:

Mfa nkyɛ wɔn.

10 Yes 2.19, 21 AWURADE ho hu

ne ne kɛseyɛ animuonyam nti,

hyɛne ɔbotan mu,

na fa wo ho kora mfuturo mu.

11 Yes 5.15 Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase,

na mmarima ahomasoɔ ahwe fam,

na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

12Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ

a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa

ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;

13na ɛbɛba Lebanon ntweneduro

a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa

ne Basan nnupɔn nyinaa so

14ne mmepɔ atentene nyinaa

ne nkokoɔ a wɔama soɔ nyinaa so

15ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa

ne afasuo a ɛyɛ den nyinaa so

16 Mmb 31.30; 1 Ti 2.9 ne Tarsis ahyɛn nyinaa

ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.

17Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,

na mmarima ahokyerɛ aba fam,

na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

18Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa.

19 Luk 23.30 Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro

ne fam amena mu,

afiri AWURADE ho hu anim

ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho,

da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.

20Ɛda no, nnipa bɛto

wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo

a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene

ama nkusie ne mpan,

21 2 Te 1.9 na wahyɛne abotan ntokuro

ne aboɔ mpaepaeɛ mu,

afiri AWURADE ho hu anim

ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho,

da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.

22 Gye 2.7 Montwe mo ho mfiri onipa

a ahome wɔ ne hwene mu no ho,

na onipa yɛ deɛn koraa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help