1 Ahemfo 9 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn yi ne ho adi kyerɛ Salomo bio

1 2 Be 7.11-22 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no,

21 Ah 3.5 AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.

31 Ah 8.29 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wɔbɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.

4Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,

52 Sa 7.12 ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no.

6Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,

7Deut 4.26; 8.19-20; Mat 23.38 ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne nkasadwaa aman nyinaa mu.

8Na ɛdan yi, bɛyɛ dammoto na obiara a ɔtwam wɔ ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ kyɛkyɛ, na waka sɛ: Ɛnam ɛdeɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi sɛɛ?

9Ɛno na wɔbɛbua sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim asase so baeɛ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.

Nkuro ne ahyɛn

10 2 Be 8 Na mfeɛ aduonu a Salomo de sisii afie mmienu, AWURADE fie ne ahemfie no, akyire yi no,

11nso Tirohene Hiram de ntweneduro nnua ne papea nnua ne sika, sɛdeɛ ɔpɛ, maa Salomo. Ɔhene Salomo maa Hiram nkuro aduonu wɔ Galilea asase so.

12Na Hiram firii Tiro bɛhwɛɛ nkuro a Salomo de maa no no, nanso ansɔ n’ani.

13Na ɔkaa sɛ: Nkuro bɛn na wode ama me yi, me nua? Sei nti na wɔfrɛ hɔ Kabul Asase, de bɛsi nnɛ.

14Na Hiram soma maa wɔde sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu brɛɛ ɔhene.

15Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie, ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie:

16Yos 16.10; 1 Ah 3.1 (Misraimhene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahye, na wakum Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu no, na ɔde ama ne babaa, Salomo yere no, sɛ awaredeɛ.

17Na Salomo kyekyeree Geser) ne Bet-horon a ɛwɔ anafoɔ

18ne Baalat ne Tamar a ɛwɔ ɛserɛ so asase no soɔ,

191 Ah 10.26 ne aduanekora nkuro a Salomo wɔ nyinaa, ne nteaseɛnam nkuro, ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne Salomo adeɛ a ɔpɛ sɛ ɔsi no Yerusalem ne Lebanon ne asase a ɔdi soɔ nyinaa no so.

20Nkurɔfoɔ a wɔaka wɔ Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ mu no,

21Yos 16.10 wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.

22Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ.

23Yeinom ne Salomo adwuma so ahwɛfoɔ mu mpanin: Ahanum aduonum a wɔdi nkurɔfoɔ a wɔkura adwuma no mu no soɔ.

24Nso Farao babaa no firii Dawid kuro no mu baa ne dan a Salomo si maa no no mu. Afei ɔsii Milo.

25Na Salomo bobɔɔ afɔdeɛ afe mu mprɛnsa, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa AWURADE no so, na ɔhyee aduhwam wɔ deɛ ɛsi AWURADE anim no so. Na ɔwiee efie no koraa.

26Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛwa Po ano, Edom asase so.

271 Ah 10.11 Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufoɔ a wɔnim ɛpo so adwuma maa wɔkaa Salomo nkoa ho ahyɛn no mu.

28Gye 10.29 Na wɔkɔɔ Ofir kɔgyee sika hɔ, dwetikɛseɛ ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ Ɔhene Salomo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help