1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam na wɔde gye w’adwadeɛ,
18Damasko ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ so, ahodeɛ nyinaa dodoɔ nti; wɔde Helbon bobesa ne nnwan nwi fitaa ba.
19Wedan ne Yewan firi Usal bɛne wo di nsesadwa; dadeɛ a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa adeɛ.
20Dedan de apɔnkɔtoma a wɔtena soɔ ne wo di dwa.
21Gye 25.13 Arabia ne Kedar aberempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano adwadifoɔ: Nnwammaa ne adwennini ne mpapo dwa na wɔne wo die;
22Seba ne Rama abatafoɔ ne wo di dwa, wɔde nnuhwam nyinaa mu titire ne aboɔden aboɔ nyinaa mu sika ne wo bɛdi nsesadwa;
23Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafoɔ, Asur, Kilmad ne wo di dwa;
24wɔn na wɔyɛ w’abatafoɔ, ntoma afɛfɛ mu, bibitoma ne nkyeremu ngusoɔ mu ne asaawa a wɔafira ademudeɛ, nhoma a wɔafira na wɔakyinkyim, wɔde gye wo adwadeɛ.
25Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufoɔ di w’adwadie mu akɔneaba,
na woayɛ ma, na wɔsoaa wo nnesoa pii
wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.
26W’aharefoɔ no de wo kɔ
nsuo bebree so,
apueeɛ mframa bobɔ wo
wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.
27W’adeɛ dodoɔ ne w’adetɔnneɛ, wo nsesa adwadeɛ,
w’ahyɛn mufoɔ ne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ,
wo mu agoago pempamfoɔ ne w’adwadeɛ sesafoɔ
ne wo mu akofoɔ nyinaa
ne w’asafo
a wɔwɔ wo mu nyinaa,
bɛmem ɛpo mu,
w’ahweaseɛ da no mu.
28W’ahyɛn kwankyerɛfoɔ nteamu nne
ma mpoano asase wosowoso,
29na wɔn a wɔkurakura atabono nyinaa,
ahyɛn mufoɔ,
po ani kwankyerɛfoɔ nyinaa fifiri wɔn ahyɛn mu sianesiane
bɛgyinagyina fam,
30na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ,
na wɔteam yayaaya
de dɔteɛ gugu wɔn atifi
yantamyantam nso mu,
31na wɔbobɔ tikwa ma wo,
firafira ayitoma
na wɔde ɔkra awerɛhoɔ ne
agyaadwotwirɛ yaya su ma wo,
32na wɔbɛtwa wo ho kwadwom,
wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ:
Hwan na ɔte sɛ Tiro a wɔama n’asase ayɛ dinn,
ɛpo mu yi?
33W’adwadeɛ firi po nyinaa mu baeɛ no,
wode maa aman bebree mee,
w’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ dodoɔ
na wode maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
34Afei a wɔabobɔ wo afiri ɛpo ani
de wo ahyɛ nsu donkodonko mu yi,
w’adwadeɛ ne w’asafo a
ɛwɔ wo mu no nyinaa atotɔ.
35Nsuano aman nyinaa,
wo nti wɔn ho dwiri wɔn,
na awɔse gu wɔn ahemfo so,
wɔn anim akusa.
36 Hes 28.19 Aman mu adwadifoɔ bɔ wo so hwerɛma hwee hwee.
Woapatu asɛe,
na wonni hɔ bio de kɔsi daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
