1Na wɔtoatoaa adwene a nteaseɛ nni mu keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ,
Yɛn nkwa nna yɛ tia, na ɛyɛ awerɛho,
na ano aduro biara nni hɔ berɛ a nkwa aba awieeɛ,
na obiara nni hɔ a wɔnim no sɛ wasane afiri Asamando aba.
2Ɛfiri sɛ yɛbɛtɔɔ mu ara kwa na wɔwoo yɛn,
na daakye yɛbɛyɛ sɛdeɛ yɛntenaa aseɛ mpo da,
ɛsiane sɛ home a ɛfiri yɛn hwene mu te sɛ wisie,
na yɛn nsusuiɛ te sɛ gyasramma a akoma ɛrebɔ paripari no toto;
3ɛberɛ a wɔdum no no, nipadua bɛdane nso,
na sunsum no bɛyera sɛ mframa hunu.
4Ɛrenkyɛre biara na yɛn din ayera,
na obiara renkae yɛn nnwuma;
yɛn nkwa nna bɛsene ayera sɛ mununkum akyi kwan,
na wɔahwete sɛ kusukuukuu a
owia nsensaneɛ taataa no
na ne hyeɛ adi no soɔ.
5Ɛfiri sɛ yɛn nkwa nna retwa mu te sɛ sunsum,
na yɛntumi nsane yɛn akyi mfiri yɛn wuo mu
ɛfiri sɛ wɔasɔ ano na obiara nsane n’akyi.
6Saa nti bra ma yɛmfa nnoɔma pa a ɛwɔ hɔ no nnye yɛn ani,
na yɛmfa abɔdeɛ nyɛ adwuma kɛseɛ pa ara sɛ mmeranteɛ berɛ mu.
7Momma yɛmfa nsa ne nnuhwam a ne boɔ yɛ den nye yɛn ani,
na mma nhwiren a ɛba odua berɛ no nsiane yɛn ho.
8Ma yɛmfa nhwiren fɛfɛ nhyehyɛ yɛn ho ansa na awu.
9Mma yɛn mu biara nnyi ne ho mfiri yɛn anigyeɛ mu;
momma yɛn ahosɛpɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ nnuru baabiara,
ɛfiri sɛ yei ne yɛn kyɛfa, na yei ne deɛ wɔde ama yɛn.
10Momma yɛnhyɛ ɔteneneeni hiani so,
mommma yɛmmfa okunani ho nkyɛ no
anaa yɛmmu ɔpanin tiri mu dwono hwee.
11Na mmom momma yɛn ahoɔden nyɛ yɛn tenenee mmara,
ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ mmerɛ no akyerɛ sɛ ne ho nni mfasoɔ.
12Momma yɛnna hɔ ntɛ onipa tenenee,
ɛfiri sɛ ɔha yɛn na ɔtia yɛn nneyɛɛ;
ɔtwii yɛn anim wɔ mmarato ho,
na ɔbɔɔ yɛn soboɔ wɔ bɔne a ɛtia yɛn nteteeɛ ho.
13Ɔka sɛ ɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ,
na ɔfrɛ ne ho Awurade abɔfra.
14Ɔbɛyɛɛ animkafoɔ maa yɛn wɔ yɛn adwene ho;
15n’anim ara kwa no yɛ adesoa ma yɛn,
ɛfiri sɛ n’abrabɔ nte sɛ ebinom deɛ,
na n’akwan yɛ nwanwa.
16Ɔbu yɛn sɛ yɛyɛ ade hunu bi,
na ɔyi yɛn akwan sɛ ɛho nte;
ɔfrɛ ɔteneneeni awieeɛ sɛ anigyeɛ,
na ɔde tu ne ho sɛ Onyankopɔn yɛ n’agya.
17Momma yɛnhwɛ sɛ ne nsɛm yɛ nokorɛ a,
na momma yɛnsɔ deɛ ɛbɛsi wɔ n’abrabɔ awieeɛ no nhwɛ;
18ɛfiri sɛ, ɔteneneeni yɛ Onyankopɔn ba ampa ara a, Onyankopɔn bɛgyina n’afa,
na ɔbɛgye no afiri n’atamfoɔ nsa mu.
19Momma yɛmfa nsopa ne aninyadeɛ nsɔ no nhwɛ,
ama yɛatumi ahu sɛdeɛ ɔsi dwoɔ,
na yɛasɔ n’ahohyɛsoɔ ahwɛ.
20Momma yɛmmu no fɔ mma animguaseɛ wuo,
na sɛdeɛ ɔka no, wɔbɛbɔ ne ho ban.
Amumuyɛfoɔ mfomsoɔ21Saa na wɔdweneeɛ, nanso wɔfomee,
ɛfiri sɛ wɔn amumuyɛ firaa wɔn ani,
22na wɔanhunu Onyankopɔn ahuntasɛm botaeɛ,
nso wɔn ani anna sɛ kronkronyɛ mu wɔ akatua,
nso wɔanwene anhunu akyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ ma akra a wɔnni fɔ;
23ɛfiri sɛ Onyankopɔn ammɔ onipa amma porɔeɛ,
na ɔyɛɛ yɛn wɔ n’ankasa ne mmerɛ santen su no mu,
24na mmom ɛnam ɔbonsam n’anibereɛ so na owuo baa wiase mu,
na wɔn a wɔka ne fekuo ho no na ɔnya.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.