2 Berɛsosɛm 19 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Odiyifoɔ Yehu ka Ɔhene Yehosafat anim

1Na Yudahene Yehosafat sane baa ne fie asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem.

2Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.

32 Be 17.3-6 Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.

4Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsane firi kɔɔ ɔman no mu de firii Beer-seba kɔsii Efraim bepɔ so, na ɔdanee wɔ sane baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.

Asennie ho nhyehyɛɛ foforɔ

5Na ɔsisii atemmufoɔ asase no so, Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu mmaako mmaako.

6Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: Monhwɛ deɛ moreyɛ yie, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmuo asɛm no mu.

7Eks 18.21; Deut 10.17 Na afei AWURADE ho suro ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne kɛtɛ-asehyɛ nni ne fam.

8 Deut 17.8-9; 19.17 Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem.

9Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sei na monyɛ wɔ AWURADE ho suro mu, nokorɛ ne mo akoma mu.

10Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.

11Na hwɛ, Ɔsɔfoɔ Amaria na ɔda mo ano, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fie bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufoɔ Lewifoɔ no nso wɔ mo anim. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafoɔ bɛtena.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help