Tobit 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Tobias pamo honhommɔne no

1Ɛberɛ a wɔdidi na wɔnom wieeɛ no, wɔpɛɛ sɛ wɔda; ɛno nti wɔfaa aberanteɛ no de no kɔɔ piadan no mu hɔ.

2Afei Tobias kae Rafael nsɛm no, na ɔyii apataa berɛboɔ ne ne korona no firii kotokuo a wakora no wɔ mu no, na ɔde aduhwam gya guu so.

3Mat 12.43 Na apataa no hwam no pamm honhommɔne no kɔɔ akyirikyiri baabi wɔ Misraim. Nanso Rafael dii n’akyi, na ɔkyekyeree ne nsa ne ne nan boom.

4Ɛberɛ a na awofoɔ no kɔ na wɔaka ɛdan no pono ato mu no, Tobias sɔre firii mpa no so na ɔka kyerɛɛ Sara sɛ: Onua, sɔre ɛ, na yɛmmɔ mpaeɛ sɛdeɛ Awurade bɛhu yɛn mmɔbɔ na wama yɛn asomdwoeɛ.

5Ɛno nti ɔsɔree, na wɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ srɛɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛdwo wɔn. Tobias firii aseɛ kaa sɛ:

O yɛn agyanom Nyankopɔn, nhyira nka wo,

nhyira nka wo din no wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu daa.

Ma ɔsoro ne abɔdeɛ nyinaa nhyira wo daa.

6 Gye 2.18 Wo na wobɔɔ Adam na wode Hawa maa no sɛ ne yere,

sɛ ɔboafoɔ ne sɔmufoɔ.

Wɔn mu na adasamma firi baeɛ.

Ɛyɛ wo na wokaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena;

momma yɛnyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mma no.

7Na afei, merefa me busuani baa yi,

ɛnyɛ sɛ akɔnnɔ ntira,

na mmom nokorɛ mu.

Hu me ne no mmɔbɔ

na ma yɛn baanu nyinaa mmom nyini nkyɛ.

8Na wɔn baanu no kaa sɛ: Amen, Amen.

9Ɛnna wɔkɔdaeɛ anadwo no.

Nanso Raguel sɔreeɛ na ɔfrɛɛ n’asomfoɔ baeɛ, na wɔkɔbɔɔ damena,

10ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Ɛbɛtumi aba sɛ ɔno nso bɛwu na ama yɛn abɛyɛ aseredeɛ ne fɛwdideɛ.

11Na ɛberɛ a wɔwiee damena no bɔ no, Raguel kɔɔ ne fie na ɔfrɛɛ ne yere,

12na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma wo mmaawa no mu baako ma no nkɔhwɛ sɛ ɔte ase anaa? Na sɛ wawu a, na yɛasie no wɔ berɛ a obiara nhunu.

13Ɛno nti wɔsomaa abaawa no, ɔsɔɔ kanea na ɔbuee ɛpono no; na ɔhyɛnee mu, na ɔhunuu wɔn baanu sɛ wɔadeda.

14Ɛnna afei abaawa no firii adie bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔte ase na biribi bɔne biara nsiiɛ.

15Afei wɔhyiraa ɔsoro Nyankopɔn, na Raguel kaa sɛ:

Nhyira nka wo, O Onyankopɔn, nhyira biara a ɛho teɛ;

ma wɔn a wɔayi wɔn nyinaa nhyira wo.

Ma wɔnhyira wo daa.

16Nhyira nka wo, ɛfiri sɛ wo na woama masere.

Anyɛ sɛdeɛ mehwɛɛ anim kwan no,

nanso wo ne me adi no sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu a ɛso no teɛ.

17Nhyira nka wo, ɛfiri sɛ woahunu

mma baanu pɛ yi mmɔbɔ.

O Owura, hu wɔn mmɔbɔ, na kora wɔn dwoodwoo;

na ma wɔn asetena nwie mudie

wɔ anigyeɛ ne mmɔborɔhunu mu.

18Afei ɔhyɛɛ n’asomfoɔ no sɛ wɔnsi adamena no ansa na owia apue.

Ayeforɔhyia apontoɔ

19Yei akyiri no, ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ ɔnto paanoo bebree; na ɔfirii adi kɔɔ mmoakuo no mu kɔfaa nantwinini mmienu a wɔasa wɔn ne nnwennini nan, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnku wɔn. Ɛno nti wɔfirii aseɛ yɛɛ ahosiesie.

20Ɛnna afei ɔfrɛɛ Tobias na ɔde nsɛm yi kaa no ntam sɛ: Wɔremfiri ha kɔsi dadu nnanan ansa, na mmom wobɛtena me nkyɛn ha adidi na wanom; na wobɛkyekyere me babaa a na anka ne werɛ ahoɔ no werɛ.

21Ntɛm ara fa deɛ mewɔ no mu fa na san kɔ w’agya nkyɛn dwoodwoo; ɛfa a aka no bɛyɛ wo dea ɛberɛ a mene me yere bɛwuo no. Nsuro, me ba. Meyɛ w’agya na Edna nso yɛ wo na, na ɛfiri saa berɛ yi korɔ yɛyɛ wo dea te sɛ wo yere no kɔsi daa. Nsuro, me ba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help