1Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ:
2 Dwom 120.1 Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,
na ɔtiee me;
mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu,
na woate me nne.
3 Dwom 42.7 Na wotoo me twenee ebunu mu,
ɛpo akoma mu,
na ɔhweamo twaa me ho hyiae;
w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa
bu faa me so.
4 Dwom 31.22 Na me nso mese: Wɔatu me
afiri w’anim,
nanso mɛkɔ so mahwɛ
w’asɔrefie kronkron no kwan so.
5 Dwom 18.4; 69.1 Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho,
ebunu twaa me ho buka sii,
ɛpo mu wira kyekyeree me ti.
6 Dwom 103.4 Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho,
mekɔɔ Asamando,
na wɔtoo me twenee koransan,
nanso wo AWURADE me Nyankopɔn
woyii me firii Amena mu.
7 Dwom 142.4 Me kra tɔɔ me mu piti no,
mekaee AWURADE,
na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn,
aane w’asɔrefie kronkron hɔ.
8 Dwom 31.6 Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no,
wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.
9 Dwom 50.14; 116.17-18 Na me deɛ, mede aseda nne
bɛbɔ wo afɔdeɛ,
deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua;
ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!
10Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
