Sirak 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Awofoɔ ho asodie

1O mmɔfra, montie me a meyɛ mo agya no;

monyɛ adeɛ a ɛfata, na moakora mo ho sɔnn.

2Ɛfiri sɛ Awurade di agya ni sene ne mma,

na ɔfoa ɛna asɛdeɛ so mmom sene ne mma.

3Wɔn a wɔdi wɔn agya ni no de pata bɔne,

4na wɔn a wɔbu wɔn no no te sɛ wɔn a wɔboaboa agyapadeɛ ano.

5Wɔn a wɔdi wɔn agya ni no bɛnya anigyeɛ wɔ wɔn mma ho,

na sɛ wɔbɔ mpaeɛ a, ɔbɛtie wɔn.

6Wɔn a wɔbu wɔn agya no bɛnya nkwa tentene,

na wɔn a wɔdi wɔn na ni no tie Awurade;

7wɔbɛsom wɔn awofoɔ sɛ wɔn wuranom.

8Fa w’anom kasa ne wo nneyɛɛ di w’agya ni,

na ama ne nhyira aba wo so.

9Ɛfiri sɛ agya nhyira na ɛhyɛ mma afie mu den,

na ɛna nnome tutu wɔn fapem gu.

10Ngu w’agya anim ase mfa mpɛ animuonyam,

ɛfiri sɛ w’agya animguaseɛ nyɛ animuonyam mma wo.

11Onipa agya animuonyam no yɛ onipa no ara nso dea,

na ɛyɛ animguaseɛ sɛ mma mfa obuo mma wɔn na.

12Me ba, boa w’agya wɔ ne nkwakoraa berɛ mu,

na ɛnho ne werɛ wɔ ne nkwa nna a ɔde te aseɛ nyinaa mu;

13sɛ n’adwene mu nna hɔ mpo a, nya ne ho aboterɛ;

ɛsiane sɛ wo deɛ wowɔ w’adwene a emu da hɔ nti, mmu no animtia.

14Adɔeɛ a wɔyɛ ma agya no yɛ adeɛ a wɔkae daa,

na wɔde bɛtua wo bɔne ho ka;

15W’ahokyere da mu no, wɔde bɛkae adom wo;

wo bɔne bɛnane sɛ bosuo a ɛwɔ wiem teɛ mu.

16Onipa biara a ɔbu n’ani gu n’agya so no yɛ mmusubɔfoɔ,

na obiara a ɔhyɛ ɛna abufuo no yɛ deɛ Awurade adome no.

Ahobrɛaseɛ

17Me ba, fa ahobrɛaseɛ yɛ w’adwuma;

ɛno na wɔn a Onyankopɔn ani sɔ wɔn no bɛdɔ wo.

18Ɛberɛ a wo gyinabea rekɔ soro no, ɛno na ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho aseɛ kɛseɛ;

na ɛno na wobɛnya adom wɔ Awurade anim.

19[Dodoɔ na ɛkorɔn na wɔagye din,

nanso ɔda n’ahuntasɛm adi kyerɛ ahobrɛaseɛfoɔ.]

20Na Awurade tumi yɛ kɛseɛ;

nanso ɛnam ahobrɛasefoɔ so na wɔhyɛ no animuonyam.

21Na nhwehwɛ adeɛ a ɛyɛ den pii mfa,

ɛnna nso nhwehwɛ deɛ ɛboro w’ahoɔden so mu.

22Dwennwene deɛ wɔahyɛ woɔ no ho,

ɛsiane sɛ deɛ ahunta no mfa wo ho.

23Mfa wo ho nnyegye nsɛm a ɛboro wo soɔ mu,

ɛfiri sɛ nsɛm a ɛboro wo nteaseɛ soɔ no na wɔada no adi akyerɛ woɔ.

24Ɛnam wɔn ahohoahoa so ama bebree afom kwan,

mfomsoɔ a ɛwɔ wɔn nsusuiɛ mu nti wɔn ani afira wɔ atemmuo mu.

25Sɛ ani nni hɔ a, ɛhann nso nni hɔ;

nimdeɛ nni hɔ a, nyansa nni hɔ.

26Adwene wuiɛ awieeɛ bɛyɛ no basaa,

na obiara a ɔdɔ amaneɛ no bɛwu wɔ mu.

27Adwene wuiɛ bɛnya ɔhaw nnesoa,

na ɔdebɔneyɛni yɛ bɔne de pee bɔne so.

28Sɛ atoyerɛnkyɛm to ahantanni a, ayaresa biara nni hɔ ma no,

ɛfiri sɛ amumuyɛ dua agye nhini wɔ ne mu.

29Ɔbadwemma de mmebuo kɔ adwendwene mu,

na aso a ɛtie asɛm no ne deɛ onyansani pɛ.

Mmɔborɔhunu adeɛ a wɔde ma ahiafoɔ

30Sɛdeɛ nsuo dum egya a ɛredɛre no,

saa ara nso na mmɔborɔhunu mu adeɛ pata bɔne.

31Obiara a ɔtua adɔeɛ ho ka no dwene daakye ho;

sɛ ɔhwe ase a, ɔbɛnya obi ama waboa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help