2 Ahemfo 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Atalia ahennie ne ne wuo(2 Berɛsosɛm 22.10—23.15)

1 2 Be 22.10-12 Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa.

2Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne ɔbagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, na ɔde no hunta firii Atalia anim na wɔanku no.

3Na ɔne no huntaa AWURADE fie mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.

4Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma maa wɔkɔfaa Karifoɔ ne awɛmfoɔ no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fie, na ɔne wɔn pamee, na ɔmaa wɔkekaa ntam AWURADE fie, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.

5Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmra adwuma homeda, na mommɛwɛn ɔhene fie,

6(na nkyɛmu baako ntena Sur pono ano, na nkyɛmu baako nso ntena awɛmfoɔ akyiri pono no ano); na monwɛn efie no mmɔ ho ban.

7Na mo mu asafokuo mmienu, wɔn a homeda wɔwɛn AWURADE fie no nkɔwɛn ɔhene no.

8Na montwa ɔhene no ho nhyia, monkurakura mo akodeɛ mo nsam; na deɛ ɔbɛba mo kuo no mu no, monku no; na montena ɔhene ho, n’adifire ne ne muba mu.

9Na asafohene no yɛɛ sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa, na wɔfaa wɔn nnipa a wɔba adwuma homeda ne wɔn a wɔmma homeda no, na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn.

102 Sa 8.7 Na ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fie no maa ɔha asafohene no.

11Na awɛmfoɔ no gyinagyina ho kurakura wɔn akodeɛ wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no anafoɔ fam ntwea so kɔsi ɛdan no atifi fam ntwea so, afɔrebukyia no ho ne ɛdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia.

12Deut 17.18-19 Na ɔyii ɔhene ba no firii adi, na ɔde ahemmotire no bɔɔ ne ti, na ɔde adanseɛ nwoma no hyɛɛ ne nsa, na wɔsii no hene, na wɔsraa no ngo, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

13Ɛnna Atalia tee awɛmfoɔ ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie;

14na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina simpie no so sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no, na asafohene no ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔteaa mu sɛ: Atirisopam, atirisopam!

15Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfa mo mu mfi, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, momfa nkrantɛ nku no. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Wɔnnku no AWURADE fie.

16Neh 3.28 Enti wɔsɔɔ ne mu de no kɔfaa kwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfie no so; na wɔkumm no hɔ.

Yehoiada Nhyehyɛɛ foforɔ(2 Berɛsosɛm 23.16-21)

17Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnyɛ AWURADE man; na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam.

182 Ah 10.26-27; Ate 6.25 Ɛnna asase no so nkurɔfoɔ nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubuu no pasaa, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no afɔrebukyia no anim. Na ɔsɔfoɔ no de awɛmfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie no ho.

19Na ɔfaa asafohene ne Karifoɔ ne awɛmfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ nyinaa, na wɔde ɔhene no firii AWURADE fie siane bɛfaa awɛmfoɔ pono ano kwan so baa ahemfie, na ɔtenaa ahennwa no so.

20Na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe; na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no ɔhene fie hɔ.

21Yehoas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nson.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help