1 Yoh 12.38; Rom 10.16; Yes 52.10 Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie,
na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?
2 Yes 11.1 Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim,
sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini;
ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no,
na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.
3 Dwom 22.6-7; Mar 9.12 Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no,
ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ,
na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no,
na yɛammu no hwee.
4 Mat 8.17 Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa,
na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa;
na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no,
deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.
5 1 Pe 2.24 Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no,
yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no;
yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so,
na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.
6 1 Pe 2.25; 2 Ko 5.21 Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan,
yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so,
na AWURADE maa yɛn nyinaa
amumuyɛ kɔhwee ne so.
7 Yoh 1.29; Aso 8.32 Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no,
nanso ɔno deɛ wammue n’ano,
sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no,
sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no,
saa no wammue n’ano.
8Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe;
ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ
wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ,
na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?
9 1 Pe 2.22; 1 Yoh 3.5 Na wɔmaa ne damena fraa abɔnefoɔ
ne ɔdefoɔ deɛ mu wɔ ne wuo mu,
nanso wanni abɔnefosɛm,
na nnaadaa nni n’anomu.
10 Dwom 22.30 Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no;
na ɔbɔɔ no yadeɛ.
Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a,
ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware,
na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.
11 Rom 10.4; 2 Ko 5.21; Yoh 1.29 Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee.
Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no
bɛnya tenenee ama nnipa pii,
na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.
12 Mar 15.28; Luk 22.37; 23.34 Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu
na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ,
ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo,
na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu,
nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne,
na wadi ama mmaratofoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
