2 Ahemfo 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hosea yɛ Israel hene a ɔdi akyire

1 2 Ah 15.30 Yudahene Ahas afe a ɛtɔ so dummienu mu na Ela ba Hosea bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron.

2Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso na ɛnte sɛ Israel ahemfo a wɔdii n’anim no.

32 Ah 18.9-12 Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.

4Hos 12.1 Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.

5Na Asiriahene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfeɛ mmiɛnsa.

6Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.

Asiria tukorɔ

7Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,

82 Ah 16.3 na wɔanante amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no amammerɛ ne Israel ahemfo deɛ a wɔhyehyɛeɛ no mu.

9Na Israelfoɔ no nam aseɛ dii nsɛm a ɛmfata, na ɛne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asie, na wɔsisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ abantenten so kɔsi afasuo nkuro so,

102 Ah 16.4; 1 Ah 14.23 na wɔyeyɛɛ adum ne Asera nnua, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn ho.

112 Ah 17.8 Na ɛhɔ na wɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii wɔn anim no, na wɔdii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.

12Eks 20.2-3; 23.13 Na wɔsonsom ahonihuhuo a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Monnni saa asɛm yi, no.

13Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.

14Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn.

15Eks 23.24 Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.

161 Ah 12.28; 16.33 Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.

172 Ah 16.3 Na wɔmemaa wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa fefaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa adeɛ, na wɔtontɔn wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo.

18Enti na AWURADE faa Israel abufuo sɛɛ, na ɔyii wɔn firii n’anim, wannya obiara sɛ Yuda abusuakuo nko.

19Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantee Israel ahyɛdeɛ a wɔyɛeɛ no mu.

20Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.

21 1 Ah 12.20 Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse.

22Na Israelfoɔ kɔnantee Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa mu; wɔamfiri ho

23Deut 28.63-64 de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ.

Samariafoɔ asefire

24Na Asiriahene kɔfaa nnipa firii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu sii Israelfoɔ no ananmu, na wɔdii Samaria so na wɔtenaa ne nkuro mu.

25Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom.

26Na wɔkɔka kyerɛɛ Asiriahene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abɛdua Samaria nkuro mu yi, wɔnnim asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ, enti wasoma agyata ama wɔaba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, ɛsiane sɛ wɔnnim asase no so Nyankopɔn atemmudeɛ.

27Ɛnna Asiriahene no hyɛɛ sɛ: Momma asɔfoɔ a moatu wɔn hɔ no mu baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ.

28Na asɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii Samaria no mu baako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsuro AWURADE.

29Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafoɔ yeyɛeɛ no mu; ɔman biara, wɔn nkuro a wɔte mu no mu.

30Na Babelfoɔ no yɛɛ Sukot Benot, na Kutfoɔ no yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ no yɛɛ Asima,

312 Ah 17.17 na Awifoɔ no yɛɛ Nibhas ne Tartak. Na Sefarwifoɔ de ogya hyehyee wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no.

32Na wɔsuroo AWURADE nso, na kuro biara yii nipa yɛɛ no sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ, wɔn na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sorɔnsorɔmmea afie no mu.

33Wɔsuroo AWURADE deɛ, nanso wɔsonsom wɔn ara wɔn anyame, sɛ amanaman a wɔtuu wɔn firii hɔ baeɛ no amanneɛ teɛ.

34Ɛde bɛsi nnɛ yi ara, wɔyɛ sɛ kane nneyɛɛ no.

Wɔnsuro AWURADE, nso wɔnyɛ sɛdeɛ wɔn ahyɛdeɛ, anaa wɔn atemmudeɛ, anaa mmara, anaa ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no.

35Eks 23.24 Wɔn na AWURADE ne wɔn pameeɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro anyame foforɔ, na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔdeɛ,

36na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛseɛ ne basa a watene mu kɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no, ɔno na monsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔdeɛ.

37Na ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara ne ɛmom a ɔtwerɛ maa mo no, monni so nyɛ no mo nna nyinaa, na monnsuro anyame foforɔ.

38Deut 6.12-19 Na apam a me ne mo pameeɛ no, mommma mo werɛ mmfi, na monnsuro anyame foforɔ,

39na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.

40Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kane yɛbea teɛ no ara na wɔyɛeɛ.

41Sɛɛ na amanaman yi suro AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasensene no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de bɛsi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help