Hesekiel 45 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE, n’asomfo, kuro kronkron no ne aberempɔn no kyɛfa

1Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.

2Yei mu basafa ahanu aduonum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonu nnum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia.

3Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena.

4Asase no mu akronkronneɛ ne no, ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea a wɔpinkyɛ bɛsom AWURADE no deɛ, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.

5Na ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum no no, ne trɛ mu yɛ mpem nnum no nyɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔrefie no mu asomfo deɛ, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkuro a wɔbɛtena mu.

6Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpem mmienu ne ahanum na ne ntwemu yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea.

7 pa.

11Efa ne bat nsusuiɛ nyɛ baako, na efa nso nyɛ homer nkyɛmu du mu baako. Ne nsusuiɛ nyɛ sɛ homer baako.

12Na dwetɛbena nyɛ gera aduonu. Nnwetɛbena aduonu, nnwetɛbena aduonu nnum ne nnwetɛbena dunum nyɛ mo mina.

13Yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a momma soɔ; Ayuo homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako ne atokoɔ homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako.

14Na ngo ho ahyɛdeɛ nie: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu baako na momma mfiri susukoraa a ɛne homer a ɛdi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer;

15na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

16Asase no so nnipa nyinaa mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma Israel mu berempɔn no.

17Na ɛyɛ ɔberempɔn no asɛdeɛ sɛ ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, nnapɔnna ne abosome foforɔ ne home nna wɔ Israel fie afahyɛ a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔde pata ma Israel fie no.

Afahyɛ ne afɔrebɔ ho nhyehyɛɛ

18Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.

19Na ɔsɔfoɔ no mfa bɔne ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka asɔrefie no aponnwa ne afɔrebukyia no faferɛ no ntweaso nnan ne abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ no aponnwa ho.

20Lew 4.2; 5.17 Na bosome no da a ɛtɔ so nson no, yɛ saa ara, ma deɛ wafom anibiannasoɔ ne ne ntetekwaasɛm soɔ no nti, na momfa mpata mma efie no.

21 Lew 23.5 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson.

22Na ɔberempɔn no mfa nantwinini bi, da no ara, mmɔ ɔno ara ne asase no so man nyinaa ho bɔne afɔdeɛ.

23Num 28.19-22 Na afahyɛ nnanson no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, anantwinini nson ne adwennini nson a ɛdɛm nni wɔn ho, nna nson no mu da biara, ne bɔne ho afɔdeɛ nso, ɔpapo baako;

24Hes 46.5; Num 15.4; 6.9 na ɔmma aduane afɔdeɛ nso, nantwie baako ne aduane efa baako, ne odwennini baako ne aduane efa baako, na ngo susutoa baako nka aduane efa baako ho.

25Lew 23.24 Bosome a ɛtɔ so nson da a ɛtɔ so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sei ara nnanson, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ngo nso deɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help