1Ma w’ani nwu sɛ woreti deɛ woate no mu,
ne sɛ wobɛda ahuntasɛm adi.
Ɛno na wobɛkyerɛ aniwuo ankasa,
na woanya nnipa nyinaa anim adom.
Mma w’ani nwu wɔ nnoɔma a ɛdidi soɔ yi ho,
na ɛnyɛ bɔne mfa mpɛ anim pa:
2Mma w’ani nwu wɔ Ɔsorosoroni no mmara ne n’apam ho,
ne sɛ worebu atɛn de asan obusuyɛfoɔ ti;
3sɛ wo ne ɔhokani anaasɛ deɛ wo ne no retu kwan bɛbu nkonta;
4sɛ wode nsania ne abrammoɔ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ,
ne sɛ worenya pii anaasɛ ketewa;
5wɔ mfasoɔ a wobɛnya wɔ adwadifoɔ hɔ,
ne asotwe a wɔtaa de ma nkwadaa,
na ɛhweɛ yayaaya a wɔde hwe akoa omumuyɛni.
6Na baabi a ɔyere a wɔntumi nnye no nnie no, nsɔano yɛ adepa;
na faako a nsa bebree wɔ no, wɔto nnoɔma mu.
7Ɛberɛ a wode sika bɛto hɔ no, hwɛ hunu sɛ wɔakan na wɔakari,
na sɛ woma anaasɛ wogye a, twerɛ to krataa so.
8Mma w’ani nnwu sɛ wotene ɔkwasea anaasɛ ogyimfoɔ
anaasɛ ɔpanin a ɔdi fɔ wɔ adwamammɔ ho.
Afei na wobɛda wo nteteeɛ pa no adi,
na ɛbɛsɔ nnipa nyinaa ani.
Mmammaa ne agyanom9Ɔbabaa yɛ n’agya kokoam haw,
ne ne dadwene a ɔmma no ntumi nna;
ɛberɛ a ɔsua no, na ɔsuro sɛ ebia ɔnware,
anaasɛ sɛ ɔware a, ɔsuro sɛ wɔmpɛ n’asɛm;
10ɔda so yɛ ɔbaabunu no, ɔsuro sɛ wɔbɛtumi adaadaa no ama wayɛ bɔne
na wanyinsɛn wɔ n’agya fie;
anaasɛ ɔnya kunu a, ɔsuro sɛ ɔbɛfa okunu akyi ayɛ bɔne,
anaasɛ, waware deɛ nanso na wayɛ bonini.
11Ma w’ani nkɔ ɔbabaa tirimuɔdenfoɔ so yie,
anyɛ saa a ebia na wayɛ aseredeɛ ama w’atamfoɔ,
ɛfene wɔ kuro ne nnipadɔm mu,
na wagu w’anim ase wɔ ɔmanfoɔ nhyiamu.
Hwɛ sɛ aniahunuankansa biara nni ne dan mu hɔ,
sɛ nkekaeɛ biara nkyerɛ ɔkwan a ɛde kɔ ɛdan no mu.
12Mma ɔmfa n’ahoɔfɛ ɛnkyerɛ ɔbarima biara,
anaasɛ ɔsɛe ne berɛ wɔ mmaa awarefoɔ ho;
13ɛfiri sɛ ntadeɛ mu na nweweeɛ firi ba,
na ɔbaa mu na ɔbaa atirimuɔden firi ba.
14Ɔbaa a ɔyɛ papa deɛ fanyinam ɔbarima amumuyɛ;
na ɛyɛ ɔbaa na ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.
Onyankopɔn nnwuma a ɛwɔ abɔdeɛ mu15Afei merebɛtwe adwene aba Awurade nnwuma ho,
na mede deɛ mahunu no bɛto dwa.
Ɛnam Awurade asɛm so na wɔyɛ ne nnwuma;
na n’abɔdeɛ nyinaa yɛ n’apɛdeɛ.
16Owia de ne hann hwɛ nnoɔma nyinaa,
na Awurade animuonyam ahyɛ ne nnwuma ma.
17Awurade mmaa n’akronkronfoɔ mpo kwan
sɛ wɔnka n’anwanwa dwuma nyinaa,
na Awurade Otumfoɔ no ahyɛ
sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wiase bɛgyina hɔ pintinn wɔ animuonyam mu.
18Ɔhwehwɛ ebunu ne onipa akoma mu;
na ɔte wɔn kokoam nsɛm ase.
Ɛfiri sɛ Ɔsorosoroni no nim deɛ ɛsɛ sɛ wɔhu no nyinaa;
ɔfiri nnoɔma a ɛwɔ hɔ tete no hunu nnoɔma a ɛrebɛba.
19Ɔka deɛ aba ne deɛ ɛsɛ sɛ ɛba no kyerɛ,
na ɔda nnoɔma a ahunta no akwan adi.
20Adwenemusɛm biara nni hɔ a ɔnnim,
na biribiara nni hɔ a ahunta no.
21Wahyehyɛ ne nyansa animuonyam no pɛpɛɛpɛ;
na ɔte saa ara wɔ mmerɛ santen nyinaa mu.
Biribiara nni hɔ a wɔtumi de ka ho, anaasɛ wɔyi firi mu,
na ɔnhia obiara sɛ ne fotufoɔ.
22Hwɛ sɛdeɛ ne nnwuma nyinaa si yɛ akɔnnɔ,
na sɛ wohwɛ a, sɛdeɛ ɛsi hyerɛn fa!
23Nnoɔma yeinom nyinaa te hɔ na ɛbɛwɔ hɔ afebɔɔ;
wɔkora abɔdeɛ biara de ma botaeɛ bi.
24Nnoɔma nyinaa nam mmienu mmienu, oyi ne oyi bɔ abira,
na biribiara nni hɔ a wama no atɔ sini.
25Emu biara boa nnoɔma pa a ɛwɔ ɔfoforɔ mu no.
Hwan ara na ɔbɛbrɛ wɔ n’animuonyam hwɛ ho?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.