Sirak 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahwɛyie ne Nimdeɛ

1Ɛnne otumfoɔ nham,

anhwɛ a ne nsa bɛka wo.

2Ɛnne asikafoɔ nko,

ebia wɔn agyapadeɛ dɔɔso kyɛne wo deɛ;

ɛfiri sɛ sika asɛe nnipa bebree,

na asɛe ahemfo bebree adwene.

3Wo ne anoɔdenfoɔ nnye akyinnyeɛ,

na mfa nnyina nngu wɔn gya mu.

4Ɛnni onipa a ɔnni nteteeɛ pa ho fɛw,

anyɛ saa a wɔdi wo nananom atɛm.

5Nka obi a ɔgu so redane ne ho firi bɔne ho no anim;

kae hunu sɛ, yɛn nyinaa fata asotwe.

6Mmu ɔpanin animtia,

na yɛn mu bi nso gu so ara renyini.

7Nni ahurisie wɔ obi wuo ho;

kae hunu sɛ ɛtwa sɛ yɛn nyinaa wuo.

8Mmu deɛ anyansafoɔ aka ato hɔ no animtia,

na mmom nya adaagyeɛ wɔ wɔn mmebuo no ho;

ɛfiri sɛ ɛfiri yeinom mu na wobɛsua nkyerɛkyerɛ,

ɛne sɛdeɛ wɔsi som ahemfo.

9Mpo nsɛm a mpanimfoɔ aka ato hɔ no,

ɛfiri sɛ wɔn nso sua firii wɔn awofoɔ nkyɛn;

wɔn nkyɛn na wosua nteaseɛ

na wode ma mmuaeɛ berɛ a ɛsɛ mu.

10Nsɔ abɔnefoɔ gya ano,

anyɛ saa a wobɛhye wɔ wɔn gya a ɛredɛre no mu.

11Mma onipa a ɔyɛ dwɛɛ no ntoto mmɔmɔne nhyɛ w’anom,

anyɛ saa a, ɔbɛtetɛ wo apɛ w’anom asɛm bi atia wo.

12Mfa biribi mfɛm onipa a ne ho yɛ den sene woɔ;

nanso sɛ wode biribi fɛm a, bu no sɛ adehweredeɛ.

13Nni agyinamu a ɛboro deɛ wowɔ soɔ;

nanso sɛ wokɔdi agyinamu a, siesie wo ho sɛ wobɛtua.

14Mfa otemmuafoɔ nkɔ asɛnniiɛ,

ɛfiri sɛ ne gyinabea nti, wɔbɛbua no bem.

15Wone agyegyentwie nntu kwan,

anyɛ saa a, wɔbɛyɛ adesoa ama wo;

ɛfiri sɛ deɛ wɔpɛ biara na wɔbɛyɛ,

na ɛnam wɔn agyegyentwisɛm so, wone wɔn bɛbɔ mu ayera.

16Wone nnipa a wɔn bo fu ntɛm nnham,

na ɛne wɔn nante mmɔ mu mfa ɔkwan a obi mfa soɔ so,

ɛfiri sɛ wɔn deɛ mogyahwieguo nnyɛ hwee ma wɔn,

na baabi a ɔboafoɔ biara nie no, ɛhɔ na wɔbɛtwa wo ahwe fam.

17Wone nkwaseafoɔ mfa adwene,

ɛfiri sɛ wɔntumi mfa asɛm nsie.

18Ɛberɛ a ahɔhoɔ wɔ wo nkyɛn no, ɛnyɛ adeɛ bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no kokoa mu,

na wonnim asɛm ko a wɔbɛka no badwa mu.

19Ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ woka wo tiri mu asɛm kyerɛ no,

anaasɛ wobɛhwere w’anigyeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help