Deuteronomium 28 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔsetie ho nhyira

1 ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ.

23Deut 11.17 Na ɔsoro bɛyɛ sɛ kɔbere mfrafraeɛ ama wo, na asase ayɛ sɛ dadeɛ ama wo.

24Na AWURADE bɛma mfuturo ne nso atɔ sɛ osuo ama no agu w’asase so de akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

25AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.

26Na wo funu bɛyɛ ewiem nnomaa nyinaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renka wɔn.

27Eks 9.9 AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.

28AWURADE de adammɔ ne anifira ne akoma mu ahodwirie bɛbɔ wo.

29Na wobɛkeka awia ketee sɛdeɛ onifirani keka sum mu, na w’akwan renwie wo yie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afom wo afa daa nyinaa, na obiara rennye wo.

30Yes 65.22; Deut 20.6 Wobɛgye ɔbaa aware, na obi ne no ada; wobɛsi dan, na worentena mu; wobɛtɛ bobeturo, na worente ɛso aba.

31Wɔbɛkum wo nantwie w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afunumu w’anim, na wɔrennane mma wo; wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, na worennya ɔgyefoɔ.

32Wɔde wo mmammarima ne wo mmammaa bɛma ɔman bi, na w’ani bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’ani atɔ sia daa nyinaa, ɛfiri sɛ tumi biara nni wo nsam.

33Ate 6.3 W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;

34na w’ani so adeɛ a wobɛhunu no bɛbɔ wo dam.

35AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi.

36 Deut 4.28 AWURADE de wo ne wo hene a wobɛsi no wo soɔ no bɛkɔ ɔman a wo ne wo nananom nnim soɔ, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ, nnua ne aboɔ.

371 Ah 9.7 Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu.

38Yer 12.13; Mika 6.15 Wode aba pii bɛfiri akɔ afuom, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛdi.

39Wobɛtɛ bobe nturo na woadɔ mu, na nsa deɛ, worennom, na woremmoa aba no ano, ɛfiri sɛ mmoa bɛdi.

40Wobɛnya ngodua w’asase nyinaa so, na ngo deɛ, worensra bi, ɛfiri sɛ wo ngodua no bɛpore agu.

41Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu.

42Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛ bɛfa.

43Ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛne wo ara, na wo deɛ, wobɛsiane aba famfamfam;

44Deut 28.12, 14 ɔno deɛ, ɔbɛfɛm wo adeɛ, na wo deɛ, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛkɔ kan, na wo deɛ, woaka akyire.

45Na nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ woɔ no soɔ.

46Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wo ne w’asefoɔ ho daa.

47Ɛsiane sɛ woamfa anigyeɛ ne akoma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn w’ahonya mu nti,

48wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ.

49Yer 5.15; Yes 33.19 AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,

50Dan 8.23; Kwa 5.12 ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akɔkoraa anim na aberanteɛ nyɛ wɔn mmɔbɔ.

51Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

52Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu akɔsi sɛ w’afasuo atentene a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no bɛdwiri aguo, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no nyinaa so.

532 Ah 6.28-29; Kwa 2.20; 4.10 Na wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mmammarima ne wo mma mmaa a AWURADE wo Nyankopɔn ama woɔ no nam, ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ no mu.

54Ɔbarima a ɔdwoɔ na ɔwɔ tema wɔ wo mu bɛnya ne nua ne ne kokom yerɛ ne ne mma nkaeɛ a wama no aka no ho anibɔne,

55sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredie no bie, ɛfiri sɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, — ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no mu.

56Wo mu ɔbaa nso a ɔdwoɔ na ahodɔ ne mmerɛyɛ nti ɔnsɔ nhwɛɛ pɛn sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no bɛnya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babaa ho anibɔne,

57na ɔbɛdi ne mma a wawo wɔn ne akyiriadeɛ wɔ kokoam, ɛsiane ahohiahia ne ahokyere a wo tamfo bɛma aba wo soɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no nti.

58Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,

59ɛnneɛ AWURADE bɛma wo haw ne w’asefoɔ haw ayɛ nwanwa, ɔhaw akɛseɛ a ɛkyɛreɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛreɛ;

60Deut 28.27 na ɔde Misraim nyarewa a wosuro no nyinaa no bɛba wo so, na abɛfemfam wo ho;

61nso yadeɛ biara ne ɔhaw biara a wɔntwerɛɛ no mmara yi nwoma mu no, AWURADE de bɛba wo so akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

62Deut 1.10 Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kane no na mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne.

63Mmb 1.26 Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so.

64Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;

65na amanaman no mu nso worennya ahodwoɔ, na w’anammɔn rennya home; ɛhɔ na AWURADE bɛma wo akoma a ɛtuo ne ani a ɛyɛ samoo ne ɔkra a ɛkusa;

66na wo nkwa bɛsɛne w’anim ahinhim, na wobɛsuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni.

67Na w’akoma mu suro a wobɛsuro ne w’ani so adeɛ a wobɛhunu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anwummerɛ ɛ, na anwummerɛ nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ!

68Deut 17.16; Hos 8.13 Na AWURADE de wo bɛsane afa ahyɛn mu akɔ Misraim wɔ ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhunu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfoɔ sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo mpo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help