1 2 Be 25.1—26.2 Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene.
2Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadin a ɔfiri Yerusalem.
32 Ah 12.2-3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso na ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛdeɛ n’agya Yoas yɛeɛ no nyinaa na ɔno nso yɛeɛ,
42 Ah 15.4 nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.
52 Ah 12.20-21 Na ahennie no timm ne nsam no, ɔkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya ɔhene no.
6Deut 24.16 Na awudifoɔ no mma no deɛ, wanku wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ sɛ: Wɔnnkum agyanom mma nti a, nso wɔnkum mma agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wɔnkum no.
7Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.
8Ɛberɛ no mu na Amasia somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Israelhene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn sɛ: Bra, ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.
9Ate 9.14 Na Israelhene Yehoas soma maa wɔbaa Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babaa ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.
10Kum deɛ woakum Edom, na w’akoma ama wo so. Ma w’animuonyam nnɔɔso mma wo na tena wo fie, na adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?
11Na Amasia antie. Ɛnna Israelhene Yehoas foro baeɛ, na wɔbɛhyiaam koe, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ.
12Na Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim, na wɔdwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu.
13Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan.
14Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a ɔhunuu no AWURADE fie, ne ahemfie akoradeɛ mu, ne nnommum pii, na ɔsane kɔɔ Samaria.
15Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ ne sɛdeɛ ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?
162 Ah 13.13 Na Yehoas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam bɛdii n’adeɛ.
Yuda hene Amasia wuo(2 Berɛsosɛm 25.25-28)17Yoas ba Yudahene Amasia tenaa ase Yehoahas ba Israelhene Yehoas wuo akyi mfirinhyia dunum.
18Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.
192 Ah 12.20 Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis; na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis, na wɔkɔkumm no wɔ hɔ.
202 Ah 9.28 Na wɔde no too apɔnkɔ so bae, na wɔsiee no Yerusalem kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu.
21 2 Ah 15.1-2 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfeɛ dunsia no na wɔsii no hene sii n’agya Amasia ananmu.
222 Ah 16.6 Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdane maa Yuda, na akyire yi no ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando.
Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di Israel so hene23 2 Ah 14.16; Hos 1.1; Amos 1.1 Yudahene Amasia, Yoas ba, afe a ɛtɔ so dunum so na Israelhene Yeroboam, Yoas ba, bɛdii hene, Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan baako.
24 1 Ah 12.26-33 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho.
25 Yona 1.1 Ɔno na ɔkɔgyee Israel hyeɛ sane maa wɔn de firi Hamat de bɛsi Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Amitai ba Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-hefer so kaeɛ no.
26Deut 32.36 Na AWURADE hunuu Israel amanehunu, sɛ ɛyɛ nwono papa, na ɔdehyeɛ ne akoa nyinaa kɔ a Israel nni ɔboafoɔ biara.
27 2 Ah 13.5 Nso na AWURADE nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din afiri ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn.
28Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛdeɛ ɔkoeɛ, ne sɛdeɛ ɔdanee Damasko ne Hamat a na ɛyɛ Yuda dea no maa Israel no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?
292 Ah 15.18 Na Yeroboam tii n’agyanom Israel ahemfo wɔ asamando, na ne ba Sakaria bɛdii n’adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.