Nnwom 70 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkwagyeɛ ho adesrɛ(Nnwom 40.13-17)Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. Wɔde bɔ nkaeɛ.

1 Dwom 38.1 Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛgye me,

AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.

2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu

na wɔn anim ngu ase,

ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi

na wɔnnane ahohorafoɔ.

3Wɔn a wɔse “wiɛ, wiɛ” no,

ma wɔnsane wɔn akyi,

wɔn aniwuo akatua ho.

4Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie

na wɔn ani nnye wo ho,

na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ:

Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.

5Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani.

Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me.

Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ,

AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help