Yesaia 61 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Awerɛkyekyerɛ a ɛbɛba no

1 Mat 11.5; Luk 4.18-19 AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so,

ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo

sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ;

wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ,

mempae ahofadie menkyerɛ nnommum

ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,

2 Lew 25.10; Yes 63.4 na mempae AWURADE anisɔ afe

ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no,

menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,

3menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ

memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu,

memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu,

memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu,

na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua,

AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.

4Na wɔbɛkyekyere tete akurofo

ama akanefoɔ amamfo so agyina,

na wɔayɛ nkuro agoago

ne awoɔ ntoatoasoɔ amamfo no foforɔ.

5 Yes 60.10-16 Na ahɔhoɔ bɛgyina ahwɛ mo nnwan,

na ananafoɔ ayeyɛ mo akuafoɔ ne mo turoyɛfoɔ.

6 Yes 66.21 Na mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfoɔ,

na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo;

mobɛdi amanaman ahonyadeɛ,

na wɔn adedodoɔ mu na mobɛhoahoa mo ho.

7 Yes 40.2 Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho,

na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie;

ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so,

daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea.

8 Yes 54.10; 55.3 Na me, AWURADE, medɔ atemmuo,

mekyiri atirimuɔden ne adwotwa,

na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu,

na me ne wɔn apam daa apam.

9Na wɔbɛhunu wɔn asefoɔ, amanaman mu,

ne wɔn mma wɔ aman mu;

obiara a n’ani bɔ wɔn soɔ no bɛhu wɔn sɛ

wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.

10 Mat 22.11-12 AWURADE mu na me ho sɛpɛ me,

na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie,

ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,

ɔde tenenee batakari asi me,

sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire,

ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.

11Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue

na turo ma deɛ wɔadua mu fifire no,

saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma tenenee ne ayeyie

afifiri amanaman nyinaa anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help